Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 4:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Hena ne wo, bepɔw kɛse wobɛdan asasetaw Serubabel anim? Na ɔde atifi bo no befi adi aba, na wɔabobɔ so ose sɛ: Ɔdom, ɔdom mmra so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Hwan ne wo, bepɔ kɛseɛ? Wobɛdane asaseta wɔ Serubabel anim! Na ɔde atifi boɔ bɛfiri adi aba, na wɔabɔ so ose sɛ: Adom, adom mmra so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Woyɛ dɛn, bepɔw kɛse ana? Serubabel anim no wobɛyɛ asase tamaa. Afei ɔde abo afɛɛfɛ no bɛba abehyia osebɔ se, ‘Onyankopɔn nhyira so! Onyankopɔn nhyira so!’ ”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Hwan ne wo, bepɔ kɛseɛ? Wobɛdane asaseta wɔ Serubabel anim! Na ɔde atifi boɔ bɛfiri adi aba, na wɔabɔ so ose sɛ: Adom, adom mmra so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Woyɛ ɛdeɛn, Ao bepɔ kɛseɛ? Wobɛyɛ asase tamaa wɔ Serubabel anim. Afei ɔde aboɔ fɛfɛ no bɛba abɛhyia osebɔ sɛ, ‘Onyankopɔn nhyira so! Onyankopɔn nhyira so!’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Hena ne wo, bepɔw kɛse wobɛdan asasetaw Serubabel anim? Na ɔde atifi bo no befi adi aba, na wɔabobɔ so ose sɛ: Ɔdom, ɔdom mmra so.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 4:7
38 Referencias Cruzadas  

Na abantofo no hyɛɛ AWURADE asɔredan no ase no, asɔfo a wɔahyehyɛ wɔn ntade kurakura ntorobɛnto, ne Lewifo, Asaf mma no, wokurakura nnawuru begyinagyinaa hɔ sɛ wɔreyi AWURADE ayɛ sɛ Israel hene Dawid hyehyɛe no.


Mmepɔw huruhuruwii sɛ adwennini, na nkoko yɛe sɛ nguammaa.


Mo mmepɔw, sɛ muhuruhuruw sɛ adwennini, na mo nkoko, moyɛ sɛ nguammaa yi?


Ɔbo a abantofo apa no abɛyɛ twea bo titiriw.


Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma ɔdom ne anuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede ɔbo bi atim Sion, ɔbo a wɔasɔ no ahwɛ, twea bo a ne bo yɛ den a etim hɔ tim pa ara, nea ogye di no renguan.


Hwɛ, mede wo mɛyɛ ɔporow afiri nnamnam foforo anofanu, na woaporow mmepɔw ayam no dukuduku, na woayɛ nkoko sɛ ntɛtɛwa.


na wɔbɛte ahosan nne ne anigye nne, ayeforokunu nne, ne ayeforo nne, ne nnwontofo nne bere a wɔde aseda afɔre ba AWURADE fi no na wɔka sɛ: Monkamfo asafo AWURADE, na AWURADE oye na n’adɔe wɔ hɔ daa. Na mede asase no nnommum mɛsan aba sɛ kan no, AWURADE na ose.


Hwɛ, me ne wo na anya, bepɔw sɛefo, AWURADE asɛm ni, wo a wosɛe asase nyinaa, wo so na mateɛ me nsa, na mapirepirew wo mafi ɔbotan so, na mayɛ wo bepɔw a, ahyew koraa.


Na mmepɔw bedwiriw wɔ n’ase, na abon mu apaepae, sɛ hweawa tetew ogya anim no, te sɛ nsu a wɔahwie agu nea ɛhɔ sian.


Na nna a edi akyiri no mu no, AWURADE fi bepɔw no betim hɔ mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na aman asen yuu aba so.


Ogyina hɔ na ɔwosow asase, ɔhwɛ, na ɔma amanaman ho popo; daa mmepɔw dwiriw, tete nkoko brɛ ase, n’akwan te sɛ tete de.


Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Serubabel nsa na ahyɛ ofi yi ase, na ne nsa ara na ebewie, na woahu sɛ asafo Awurade na asoma me mo nkyɛn.


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, mowɔ gyidi na munnye akyinnye a, ɛnyɛ borɔdɔma de yi nko na mobɛyɛ, na anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ: Tutu na kɔhwe po mu! Na ɛbɛyɛ.


Yesu see wɔn sɛ: Monkenkan kyerɛw nsɛm no mu pɛn sɛ: Ɔbo a abantofo apo no, ɛno ara na abɛyɛ twea tibo; eyi fi Awurade, na ɛyɛ nwonwa yɛn ani so?


Nso monkenkan kyerɛw yi pɛn ɛ, sɛ: Ɔbo a abantofo apo no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no twea tibo.


Na ɔhwɛɛ wɔn anim kae sɛ: Na ɛdɛn na wɔakyerɛw sɛ: Ɔbo a abantofo apa no, ɛno na abɛyɛ tweaso tibo.


Wɔbɛhyɛ abon nyinaa ma, na wɔabrɛ mmepɔw ne nkoko nyinaa ase; na nea akyea no bɛteɛ, na akwan abonkyiabonkyi ayɛ toromtorom.


Oyi ne ɔbo a mo abantofo ammu no na abedi twea ti.


Na sɛ ɛnam adom so a, na emfi nnwuma mu bio, efisɛ ɛno de, anka adom nyɛ adom bio.


Wɔde mo asi asomafo ne adiyifo fapem a Kristo Yesu ankasa ne tweatibo titiriw no so.


Enti mo a mugye no di no, nea ɔsom bo no yɛ mo de. Na wɔn a wonnye nni no de, ɔbo a abantofo apo no na ayɛ tweaso tibo,


Na nsupɔw nyinaa guanguanee, na wɔanhu mmepɔw bi bio.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios