Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 4:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na obuaa see me sɛ: Eyi ne Awurade asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden so, na mmom me honhom so, asafo Awurade na ose.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na ɔbua see me sɛ: Yei ne AWURADE asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden soɔ, na mmom me honhom so, asafo AWURADE na ɔseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Enti ɔka kyerɛɛ me se, “Eyi ne Awurade asɛm a ɔde rekɔma Serubabel: ‘Ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden so, na mmom, ɛnam me Honhom so,’ sɛnea Asafo Awurade se ni.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔbua see me sɛ: Yei ne AWURADE asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden soɔ, na mmom me honhom so, asafo AWURADE na ɔseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Enti ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yei ne Awurade asɛm a ɔde rekɔma Serubabel: ‘Ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden nso so, na mmom, ɛnam me Honhom so,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na obuaa see me sɛ: Eyi ne Awurade asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden so, na mmom me honhom so, asafo Awurade na ose.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 4:6
33 Referencias Cruzadas  

Na Yosef buaa Farao sɛ: Enni me fam, na mmom Onyankopɔn na ɔmfa mmuae pa mma Farao.


na asasewosow no akyi no ogya; na ɛnyɛ ogya no mu na AWURADE wɔ; na ogya no akyi no na mframa a ɛbɔ brɛoo bi nne di.


Na Asa frɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn sɛ: AWURADE, ɛnyɛ ade bi mma wo sɛ wobɛboa wɔn a wɔdɔɔso anaa wɔn a wonni tumi: Boa yɛn, AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wo na yetweri wo, na wo din mu na yɛnam kɔ nnipa kuw yi so. AWURADE yɛn Nyankopɔn ne wo, mma ɔdesani nnnya wo so ahoɔden.


Wɔne Serubabel ne adikanfo a edidi so yi na ɛbae: Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum, Baana. Israel man mu mmarima dodow ni:


Na abantofo no hyɛɛ AWURADE asɔredan no ase no, asɔfo a wɔahyehyɛ wɔn ntade kurakura ntorobɛnto, ne Lewifo, Asaf mma no, wokurakura nnawuru begyinagyinaa hɔ sɛ wɔreyi AWURADE ayɛ sɛ Israel hene Dawid hyehyɛe no.


Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua sɔree, na wofii ase sii Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no, na Onyankopɔn adiyifo no ka wɔn ho na wosoo wɔn mu.


Ɔhene biara mfa dɔm dodow nni nkonim, ɔkofo mfa n’ahoɔden kɛse nnye ne ho.


Mesan mihui owia ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ammirikatu, na ɛnyɛ nnɔmmarima de ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafo de ne aduan, na ɛnyɛ nhumufo de ne ahonya, nanso ɛnyɛ animdefo de ne anuonyam, na ɛbere ne mpofirim ade to wɔn nyinaa.


Wonnue, mma atuatewfo, AWURADE na ose, wɔn a wodi agyinatusɛm so, na emfi me, na wɔyɛ nkabom bi, na ɛnyɛ me honhom so sɛ wɔde bɔne bɛka bɔne ho no.


Ɛde rekosi sɛ wobefi soro ahwie honhom no agu yɛn so, na sare so adan asasebere a ɛma nnɔbae, na wɔabu asasebere a ɛma nnɔbae sɛ kwae;


Monhwehwɛ AWURADE nhoma no mu nkan: Nneɛma no mu biako pɛ mpo renyera, ebiara sɛso remmɔ no, na AWURADE ano na ahyɛ, na ne honhom na aboa ano.


Na wobesuro AWURADE din afi atɔe, ne n’anuonyam afi owia puebea, na ɔbɛba sɛ asu a ano yɛ den a AWURADE ahum de reba.


Wode hwɛ ara kosii sɛ ɔbo bi a nsa biara nkura mu tew bɛbɔɔ ohoni no anan a ɛyɛ dade ne ɛfa no, na ebubuu no dukuduku;


Na Yuda fi na mehu wɔn mmɔbɔ, na magye wɔn nkwa, AWURADE wɔn Nyankopɔn mu, nanso meremfa ɔta ne nkrante ne akodi ne apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefo so minnye wɔn.


Ɔhene Dario afe a ɛto so abien no ɔsram a ɛto so asia no da a edi kan no, Awurade asɛm nam odiyifo Hagai so baa Yuda amrado Serubabel a ɔyɛ Sealtiel ba ne ɔsɔfopanyin Yosua a ɔyɛ Yehosadak ba nkyɛn sɛ:


Ka kyerɛ Yuda amrado Serubabel sɛ: Merebɛwosow ɔsoro ne asase,


na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Hwɛ, ɔbarima bi a “Baa” ne ne din, na ɔbɛfefɛw n’ananmu, na obesi Awurade asɔredan no.


Ma AWURADE, ɔhonam nyinaa ahonhom Nyankopɔn, mpɛ ɔbarima bi nsi asafo no so


na momfa nkwagye dade kyɛw ne honhom nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm,


Woyi kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ wɔn ho na wɔsom, na mmom wɔsom mo fa nsɛm a seisei yɛbɔ no dawuru kyerɛ mo ne wɔn a wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no fii soro bɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no. Saa nsɛm yi na abɔfo mpo pɛɛ sɛ wɔbɛhu mu.


Na Yonatan ka kyerɛɛ aberante a okura n’akode no sɛ: Bra ma yentwam nkɔ momonotofo bansifo yi ho, ebia AWURADE bedi ama yɛn, na biribiara nsiw AWURADE kwan sɛ ɔde ade bebree anaa ketewa begye nkwa.


na bagua yi nyinaa nso ahu sɛ ɛnyɛ nkrante ne peaw na AWURADE de gye nkwa, efisɛ ɔko no yɛ AWURADE dea, na ɔde mo bɛhyɛ yɛn nsa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios