Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 4:2 - KYERƐW KRONKRON

2 na obisaa me sɛ: Dɛn na wuhu yi? Na mise: Mihu, ɔkaneadua a ne nyinaa yɛ sika, na ngo toa taa atifi, na n’akanea ason wowɔ so na adorobɛn ason ason wɔ hɔ ma atifi akanea no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 na ɔbisaa me sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehunu kaneadua a ne nyinaa yɛ sika, na ne ngo toa tae atifi, na ne nkanea nson wowɔ soɔ, adorobɛn nson nson wɔ hɔ ma atifi nkanea no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Obisaa me se, “Dɛn na wuhu yi?” Mibuae se, “Mihu kaneadua a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a kuruwa si so, na akanea ason a biara wɔ ne dorobɛn sisi so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 na ɔbisaa me sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehunu kaneadua a ne nyinaa yɛ sika, na ne ngo toa tae atifi, na ne nkanea nson wowɔ soɔ, adorobɛn nson nson wɔ hɔ ma atifi nkanea no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔbisaa me sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?” Mebuaa sɛ, “Mehunu kaneadua a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a kuruwa si so, na nkanea nson a ebiara wɔ ne dorobɛn sisi so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 na obisaa me sɛ: Dɛn na wuhu yi? Na mise: Mihu, ɔkaneadua a ne nyinaa yɛ sika, na ngo toa taa atifi, na n’akanea ason wowɔ so na adorobɛn ason ason wɔ hɔ ma atifi akanea no.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 4:2
19 Referencias Cruzadas  

ne sika akaneadua ne ɛho sika akanea no nkarii, sɛ kaneadua biara ne ɛho kanea nkarii te, ne dwetɛ akaneadua, sɛ kaneadua no biara ne ɛho kanea nkarii te, sɛ akaneadua no nyinaa ho som te no;


Na wɔhyew ɔhyew afɔre ma AWURADE daa anɔpa ne anwummere ne ɔhyew aduhuam no. Na wosiesie Kyerɛ Abodoo wɔ ɔpon kronkron no so, na sika kaneadua ne n’akanea no, wɔsɔ daa anwummere. Na yɛn de, yɛyɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ahyɛde no, na mo de, moagyaw no.


Na ɔyɛɛ sika akaneadua du sɛ ne yɛbea te, na ɔde sisii asɔredan no mu, anum wɔ nifa fam, na anum nso wɔ benkum fam.


Ansa na dwetɛ hama no atew, na sika toaa no apae, na ahina no abɔ asu ho, na asubura ho nkyimii abubu,


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Yeremia, dɛn na wuhu yi? Na mise: Mmorɔdɔma; mmorɔdɔma pa no de, eye sɛ, na nea enye no, enye koraa, na oye a enye nti wontumi nni.


na nyaawa ne nso kukuwa ne nkora ne nseaa ne kanea nnua ne nsankawa ne nkuruwa no, nea ɛyɛ sika no sika ne nea ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ, ankɔbeahene no fa kɔe.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Amos, dɛn na wuhu yi? Na mise: Kyerebennyɛ hama. Na Awurade Nyankopɔn se: Hwɛ, mede kyerebennyɛ hama misi me man Israel mfinimfini, merenkɔ so mintwa wɔn ho bio.


Na obisaa me sɛ: Dɛn na wuhu yi? Na mibuaa no sɛ: Mihu nhoma mmobɔwee a etu, ne tenten basafa du, na ne trɛw basafa anum.


Na medan m’ani sɛ mekɔhwɛ nne a ɛkasa kyerɛɛ me no. Na medan me ho no, mihuu sika akaneadua asɔn,


Nsoromma ason a wuhui no me nifa so no ahintasɛm no, ne sika akaneadua ason no: Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo, na akaneadua ason a wuhui no yɛ asafo ason no.


Na anyinam ne ɛnne horow ne aprannaa fi ahengua no mu fii adi, na ogya akanea ason a ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason no redɛw ahengua no anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios