Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 4:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na kan no obi buu adwuma yi mfiase animtiaa mpo a wɔn ani begye bere a wobehu kyerebennyɛ bo no Serubabel nsam, Kanea ason a wohui no ne Awurade aniwa a edi akɔneaba asase nyinaa so no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na sɛ wɔbuu adwuma mfitiaseɛ ketewa yi animtia mpo a, wɔn ani bɛgye berɛ a wɔbɛhu kyirebennyɛ no wɔ Serubabel nsam. Na kaneadua nson a wo hunuiɛ no ne AWURADE ani a ɛdi akɔneaba asase nyinaa soɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “Hena na obu nneɛma nketenkete mfiaseda animtiaa? Sɛ nnipa hu sɛ Serubabel kura kirebennyɛ susudua no a, wɔn ani begye. “(Saa ani ason yi yɛ Awurade ani a ɛhwɛ wiase mmaa nyinaa.)”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na sɛ wɔbuu adwuma mfitiaseɛ ketewa yi animtia mpo a, wɔn ani bɛgye berɛ a wɔbɛhu kyirebennyɛ no wɔ Serubabel nsam. Na kaneadua nson a wo hunuiɛ no ne AWURADE ani a ɛdi akɔneaba asase nyinaa soɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “Hwan na ɔbu nneɛma nketenkete mfiaseɛ ɛda animtiaa? Sɛ nnipa hunu sɛ Serubabel kura kyirebenn susu ahoma no a, wɔn ani bɛgye. “(Saa ani nson yi yɛ Awurade ani a ɛhwɛ ewiase afanan nyinaa.)”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na kan no obi buu adwuma yi mfiase animtiaa mpo a wɔn ani begye bere a wobehu kyerebennyɛ bo no Serubabel nsam, Kanea ason a wohui no ne Awurade aniwa a edi akɔneaba asase nyinaa so no.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 4:10
26 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE de n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mu wɔ ne ho no. Eyi mu woadi nkwaseasɛm, na efi sesɛɛ yi akodi bɛda wo hɔ.


Na sɛ mpo wo mfiase ade yɛ ketewa a, w’awiei bɛso kokuroo.


Ɔte ne tenabea na ɔhwɛ asase sotefo nyinaa.


AWURADE aniwa wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefo ne apapafo.


Na treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.


na moanum n’awerɛkyekye nufu amee, na moafew n’anuonyam mmoroso ama mo bo atɔ mo yam.


Na mubehu, na mo koma ho asɛpɛw no, na mo nnompe ayɛ huronhuron sɛ wura frɔmfrɔm; na wobehu AWURADE nsa ne nkoa ho, ne abufuw a emu yɛ den, n’atamfo so.


Na m’aniwa hwɛ wɔn akwan nyinaa, enhintaw me ɛ, na wɔn amumɔyɛ nso, ɛso nkatae m’anim ɛ.


na ateasefo no de mmirika di akɔneaba te sɛ anyinam.


Na momma yenhu na yentiw AWURADE nimdeɛ no; wɔasiesie n’adifi sɛ adekyee, na ɔbɛba ama yɛn sɛ obosu, sɛ adonsu a ɛtɔ gu asase so.


Na wobedii asase so ahaban wiei no, mekae sɛ: O AWURADE Nyankopɔn, fa firi ɛ! Yakob begyina dɛn, sɛ osua yi?


Na mise: O AWURADE Nyankopɔn, gyae ɛ! Mesrɛ wo Yakob begyina dɛn sɛ osua yi?


Mo mu hena na aka a ohuu ɔdan yi kan anuonyam no? Na muhu no dɛn afei? So ɛnte sɛ ade a ɛnyɛ hwee, mo ani so?


Na hwɛ, ɔbo a mede mato Yosua anim no, ɔbo biako so na aniwa ason gu, hwɛ, ɛso na mekurukyerɛw ne nkurukyerɛwee, asafo Awurade asɛm ni, na mɛpopa asase yi amumɔyɛ da koro.


Eyi ne Awurade asɛm. Awurade atemmusɛm wɔ Hadrak asase so, ne Damasko ne n’asoɛe; na sɛnea Israel mmusuakuw yɛ Awurade de no, saa ara na Aram ne ne nkuropɔn nso yɛ ne de.


Na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye na yɛn bo tɔ yɛn yam, efisɛ wo nua yi wui, na wanyan; na ɔyerae, na wɔahu no.


Na mehwɛe, na ahengua no ne ateasefo baanan no ntam ne mpanyimfo no ntam no, oguammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛ wɔakum no. Ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason a ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason a wɔasoma wɔn akɔ asase nyinaa so no.


Na mihuu abɔfo baasɔn a wogyinagyina Onyankopɔn anim no, na wɔmomaa wɔn ntorobɛnto asɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios