Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 3:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na hwɛ, ɔbo a mede mato Yosua anim no, ɔbo biako so na aniwa ason gu, hwɛ, ɛso na mekurukyerɛw ne nkurukyerɛwee, asafo Awurade asɛm ni, na mɛpopa asase yi amumɔyɛ da koro.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na hwɛ, ɔboɔ a mede mato Yosua anim no, ɔboɔ baako so na aniwa nson guo. Hwɛ, ɛso na mɛkurukyire ne nkurukyireeɛ, asafo AWURADE asɛm nie, na mɛpepa asase yi amumuyɛ da koro.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Hwɛ, ɔbo a mede asi Yosua anim! Ani ason na etuatua saa ɔbo baako no ho, na mikurukyerɛw biribi wɔ so,’ sɛnea Asafo Awurade se ni, ‘na mede da koro pɛ bɛpepa asase yi so bɔne.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na hwɛ, ɔboɔ a mede mato Yosua anim no, ɔboɔ baako so na aniwa nson guo. Hwɛ, ɛso na mɛkurukyire ne nkurukyireeɛ, asafo AWURADE asɛm nie, na mɛpepa asase yi amumuyɛ da koro.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Hwɛ, aboɔdenboɔ a mede asi Yosua anim! Ani nson na ɛtuatua saa ɛboɔ baako no ho, na mekrukyire atwerɛ bi wɔ so,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie, ‘na mede ɛda koro pɛ bɛpepa asase yi so bɔne.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na hwɛ, ɔbo a mede mato Yosua anim no, ɔbo biako so na aniwa ason gu, hwɛ, ɛso na mekurukyerɛw ne nkurukyerɛwee, asafo Awurade asɛm ni, na mɛpopa asase yi amumɔyɛ da koro.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 3:9
34 Referencias Cruzadas  

Na wo, me wura ɔhene, Israel nyinaa ani da wo so sɛ, kyerɛ wɔn nea ɔbɛtena me wura ɔhene agua no so ne wu akyi.


Na AWURADE de n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mu wɔ ne ho no. Eyi mu woadi nkwaseasɛm, na efi sesɛɛ yi akodi bɛda wo hɔ.


Sɛ Apuei ne Atɔe ntam ware no, sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no.


Ɔbo a abantofo apa no abɛyɛ twea bo titiriw.


Abodwumfo adwuma, nsɔanode nkurukyerɛwee na fa kurukyerɛw abo abien no so, sɛnea Israel mma no din te; na fa sika mfofaano twa ho hyia.


Na abo no ano nyɛ sɛ Israel mma no din ano te, dumien, sɛ wɔn din no te; ɛnyɛ nsɔanode nkurukyerɛwee, sɛnea din no te mmiako mmiako, sɛ mmusuakuw dumien no te.


Na boro sika amapa tratraa, na kurukyerɛw so sɛ nsɔanode nkurukyerɛwee sɛ: Kronkron ma AWURADE.


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede ɔbo bi atim Sion, ɔbo a wɔasɔ no ahwɛ, twea bo a ne bo yɛ den a etim hɔ tim pa ara, nea ogye di no renguan.


Na obi renkyerɛ ne yɔnko na obi nso renkyerɛ ne nua bio sɛ: Hu AWURADE! Na wɔn nyinaa behu me afi wɔn mu akumaa so akosi wɔn mu ɔkɛse so, AWURADE asɛm ni, na mede wɔn amumɔyɛ mefiri, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.


Nna no mu ne bere no mu, AWURADE asɛm ni, na wɔbɛtwee Israel amumɔyɛ, nso na enni hɔ, ne Yuda bɔne, na wɔrenhu, na mede mefiri wɔn, a mema wɔkae no.


Ɛda no, wobebue nsuaniwa ano ama Dawid fi ne Yerusalemfo, bɔne ne ahokum fam.


Na obua see wɔn a wogyinagyina n’anim no sɛ: Munyi ne ho ntade fi no. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mama w’amumɔyɛ no afi wo so kɔ, na mede ntade nsakraho mahyɛ wo.


Na kan no obi buu adwuma yi mfiase animtiaa mpo a wɔn ani begye bere a wobehu kyerebennyɛ bo no Serubabel nsam, Kanea ason a wohui no ne Awurade aniwa a edi akɔneaba asase nyinaa so no.


Ade kyee no, Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ose: Hwɛ, Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no ni.


Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma, na mmom aduan a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Onyankopɔn asɔ no ano.


Oyi ne ɔbo a mo abantofo ammu no na abedi twea ti.


sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ hintibo ama nnipa, ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ; na obiara a obegye no adi no anim rengu ase.


ɔno nso na wasɔ yɛn ano, na wama yɛn Honhom no de ayɛ guaha ama yɛn wɔ yɛn koma mu.


na moda adi sɛ moyɛ Kristo nhoma a wɔnam yɛn som so kyerɛwee; wɔamfa adubiri, na mmom wɔde Nyankopɔn teasefo honhom na ɛkyerɛwee, ɛnyɛ abo apon so, na mmom koma ho nam apon so.


Nanso Onyankopɔn nnyinaso tim hɔ pintinn kura nsɔano yi: Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne de; Ma obiara a ɔbɔ Awurade din ntwe ne ho mfi nea ɛnteɛ ho.


Ɔno na enhia no daa, sɛ asɔfo mpanyin no, sɛ ɔbɔ n’ankasa bɔne ho afɔre kan ansa na wabɔ ɔman no de, na mmom ɔde ne ho bɔɔ afɔre no, ɔyɛɛ eyi prɛko pɛ.


Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.


Na mehwɛe, na ahengua no ne ateasefo baanan no ntam ne mpanyimfo no ntam no, oguammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛ wɔakum no. Ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason a ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason a wɔasoma wɔn akɔ asase nyinaa so no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios