Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 3:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Tie ɛ, ɔsɔfopanyin Yosua, wo ne wo mfɛfo a wɔtete w’anim no, efisɛ wɔyɛ anwonwafo; na hwɛ, mede m’akoa “Baa” reba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Tie ɛ, Ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo mfɛfoɔ a wɔtete w’anim no, ɛfiri sɛ wɔyɛ anwanwafoɔ. Na hwɛ, mede m’akoa “Ban” mereba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “‘Tie, Ɔsɔfopanyin Yosua, wo ne wo nkurɔfo a wɔtete wʼanim yi, moyɛ nnipa a wogyina hɔ ma nneɛma a ɛrebesisi: Mede me somfo, Dubaa no bɛba.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Tie ɛ, Ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo mfɛfoɔ a wɔtete w’anim no, ɛfiri sɛ wɔyɛ anwanwafoɔ. Na hwɛ, mede m’akoa “Ban” mereba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “ ‘Tie, Ao ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo nkurɔfoɔ a wɔtete wʼanim yi, moyɛ nnipa a wɔgyina hɔ ma nneɛma a ɛrebɛsisi: Mede me ɔsomfoɔ, Dubaa, no bɛba.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Tie ɛ, ɔsɔfopanyin Yosua, wo ne wo mfɛfo a wɔtete w’anim no, efisɛ wɔyɛ anwonwafo; na hwɛ, mede m’akoa “Baa” reba.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 3:8
24 Referencias Cruzadas  

Mayɛ nnipa bebree ani so anwonwade, na wone me guankɔbea a ɛyɛ den.


Na duforo bi befifi afi Yese dunsin no mu, na dubaa afi ne ntini mu asow aba.


Na AWURADE kae sɛ: Sɛnea m’akoa Yesaia nam adagyaw ne nammɔnhunu, na wayɛ sɛnkyerɛnne ne anwonwade mfensa Misraim ne Etiopia ho yi,


Ɛda no na AWURADE baa no bɛyɛ fɛfɛɛfɛ nyamnyam, na asase so aba bɛyɛ ahohoahoade ne ahyehyɛde ama Israel nkae a wɔanya nkwa no.


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden ni, nea mapaw no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu no so; ɔde atemmu befi akɔ amanaman mu.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: M’akoa ne wo, Israel a menya wo ho anuonyam.


Na afei AWURADE se, nea ɔnwenee me fii yafunu mu sɛ memmɛyɛ no akoa, na mensan Yakob memmra ne nkyɛn, na memmoa Israel ano memmrɛ no no, efisɛ m’anim aba nyam, AWURADE anim, na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden,


Hwɛ, m’akoa bedi yiye, ɔbɛsɔre na wɔama no so na wakorɔn sɛ.


Obehu ne kra brɛ no so ade amee. Ne hu mu na m’akoa treneeni no benya trenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumɔyɛ nso asoa.


Na ofifii sɛ duforo n’anim, sɛ asase kesee mu ntini; onni su anaa anuonyam, a ɛma yɛhwɛ no, na hwee nni ne ho a ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.


Hwɛ, me ne me mma a AWURADE ama me no fi asafo AWURADE a ɔte Sion bepɔw so no yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, Israel mu.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛma trenee Dubaa bi so mama Dawid, na ɔhene bi abedi hene nimdeɛ so, na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase so.


Nna no mu ne bere no so na mɛma trenee baa afefɛw ama Dawid, na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase so.


Ka sɛ: Mene mo sɛnkyerɛnne; sɛnea meyɛe no, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn, otukɔ mu, nnommumfa mu na wɔbɛkɔ.


Wɔn anim ara na fa to wo kɔn ho, na anim mua a, wode afi adi; kata w’ani na woanhu asase no, na mede wo mayɛ sɛnkyerɛnne mama Israel fi.


Na Hesekiel ayɛ mo sɛnkyerɛnne; sɛnea wayɛ yi nyinaa, mobɛyɛ bere a ɛbɛbam no, na moahu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.


Na mesiesie afuw a ɛyɛ krabɛhwɛ mama wɔn, na ɔkɔm rempra wɔn bio asase no so, na wɔrensoa amanaman ahohora bio;


Na m’akoa Dawid bedi wɔn so hene, na oguanhwɛfo koro adi wɔn nyinaa so, na wɔanantew m’atemmude mu, na wɔahwɛ m’ahyɛde ayɛ,


na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Hwɛ, ɔbarima bi a “Baa” ne ne din, na ɔbɛfefɛw n’ananmu, na obesi Awurade asɔredan no.


efi yɛn Nyankopɔn mmɔborohunu a ɛmaa ne yam hyehyee no no mu. Ɛno nti na adekyee a efi soro abepue yɛn so,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios