Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 3:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Sɛ asafo Awurade se ni: Sɛ wonantew m’akwan so na wohwɛ m’ahwɛde a, ɛnna wo nso wobɛhwɛ me fi asɛm na woawɛn m’abangua nso, na mɛma woanya eyinom a wogyinagyina ha yi ntam kwan.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛ wonante m’akwan so na wohwɛ m’ahwɛdeɛ a, ɛnna wo nso wobɛhwɛ me fie nsɛm so na woawɛn m’abannwa nso, na mɛma woanya kwan wɔ yeinom a wɔgyinagyina ha yi ntam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Sɛ wobɛyɛ osetie ama me na woayɛ mʼapɛde a, ɛno de, wubedi me fi so na woahwɛ mʼabangua so, na mɛma wo baabi atena wɔ nnipa a wogyinagyina ha yi mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛ wonante m’akwan so na wohwɛ m’ahwɛdeɛ a, ɛnna wo nso wobɛhwɛ me fie nsɛm so na woawɛn m’abannwa nso, na mɛma woanya kwan wɔ yeinom a wɔgyinagyina ha yi ntam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: ‘Sɛ wobɛyɛ ɔsetie ama me na woayɛ mʼapɛdeɛ a, ɛnneɛ wobɛdi me fie so na woahwɛ mʼabannwa so, na mɛma wo baabi atena wɔ nnipa a wɔgyinagyina ha yi mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Sɛ asafo Awurade se ni: Sɛ wonantew m’akwan so na wohwɛ m’ahwɛde a, ɛnna wo nso wobɛhwɛ me fi asɛm na woawɛn m’abangua nso, na mɛma woanya eyinom a wogyinagyina ha yi ntam kwan.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 3:7
30 Referencias Cruzadas  

efisɛ Abraham tiee me nne, na odii me nsiesiei, me mmara nsɛm, m'ahyɛde, ne me mmara so.


Na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛde, sɛ wobɛnantew n’akwan so, sɛ wubedi n’ahyɛde, ne mmara nsɛm ne n’atemmude ne n’adansesɛm so, sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara mu, na woadi yiye nea woyɛ nyinaa mu, baabiara a wobɛkɔ.


Na sɛ wonantew m’akwan mu na wudi m’ahyɛde ne me mmara nsɛm so sɛnea w’agya Dawid nantewee no a, mɛma wo nna aware.


na wɔnyɛ ahyiae ntamadan no ho som adwuma ne kronkronbea som adwuma ne wɔn nuanom Aaron mma som adwuma no mfa nsom AWURADE fi.


Na wɔn a wɔboa ano na wobedi na wɔayi AWURADE ayɛ, na wɔn a wɔhwɛ bobe aba no boaboa ano no bɛnom, wɔ me kronkronbea abangua so.


nanso moanyɛ m’akronkronne no ho adwuma no, na mmom mode mo ara mo nnipa asisi me kronkronbea hɔ adwuma no so.


ɛnyɛ asɔfo de, wɔn a wɔayɛ wɔn kronkron, Sadok mma mu a wɔayɛ me som adwuma no a wɔamfom, Israelfo fom no mu, sɛnea Lewifo no fomee no,


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɛno ne nea AWURADE kae sɛ: Wɔn a wotwiw bɛn me no mu na mɛyɛ me ho kronkron, na ɔman no nyinaa anim na mɛhyɛ me ho anuonyam.


Na montena ahyiae ntamadan no ano awia ne anadwo nnansɔn, na monwɛn sɛnea AWURADE ahyɛ no, na moanwuwu; na saa na wɔahyɛ me.


Na Awurade bɔfo no dii Yosua adanse sɛ:


Na ose: Eyinom ne nnipa baanu a wasra wɔn ngo na wogyinagyina asase nyinaa wura nkyɛn no.


Na akyirikyirifo bɛba abesi Awurade dan no bi, na moahu sɛ asafo Awurade na ɔsomaa me mo nkyɛn; na sɛ mutie Awurade mo Nyankopɔn a, eyi benya aba mu.


Na ɔbɔfo no bua see me sɛ: Eyinom ne ɔsoro mframa anan a efi adi fi nea wɔde wɔn ho gyinagyinaa asase nyinaa wura anim hɔ ba no.


Na Yesu see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ mo a moabedi m’akyi yi, wiase foforo no mu no, da a Onipa Ba no bɛtena n’anuonyam ahengua so no, mo nso mobɛtena nhengua dumien so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.


na moadidi na moanom me pon so wɔ m’ahenni mu, na moatena nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.


Tenabea pii wɔ m’agya ofi; sɛ ɛnte saa a, anka mɛka makyerɛ mo sɛ merekɔ makosiesie baabi mama mo anaa?


Nea odi nkunim no, mɛma ɔne me atena m’ahengua so, sɛnea me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahengua so no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios