Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 3:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na mise: Ma wɔmfa abotiri a ɛho tew mmɔ no. Na wɔde abotiri a ɛho tew bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no ntade. Na Awurade bɔfo no gyina hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na mese. Ma wɔmfa abotire a ɛho teɛ mmɔ no. Na wɔde abotire a ɛho teɛ bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no ntadeɛ. Na AWURADE bɔfoɔ no gyina hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Afei mekae se, “Momfa abotiri a ani tew mmɔ ne ti.” Enti wɔde abotiri a ani tew bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no atade, bere a Awurade bɔfo no gyina hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na mese. Ma wɔmfa abotire a ɛho teɛ mmɔ no. Na wɔde abotire a ɛho teɛ bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no ntadeɛ. Na AWURADE bɔfoɔ no gyina hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, mekaa sɛ, “Momfa abotire a ani teɛ mmɔ ne ti.” Enti, wɔde abotire a ani teɛ bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no atadeɛ, ɛberɛ a Awurade ɔbɔfoɔ no gyina hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na mise: Ma wɔmfa abotiri a ɛho tew mmɔ no. Na wɔde abotiri a ɛho tew bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no ntade. Na Awurade bɔfo no gyina hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 3:5
13 Referencias Cruzadas  

na fa yɛ abotiri, bɔ Yehosadak ba ɔsɔfopanyin Yosua ti,


na fa abotiten no bɔ ne ti, na fa kronkronyɛ ahyehyɛde no fam abotiten no anim,


mpanyimfo aduonu anan no hwehwe nea ɔte ahengua no so no anim ase, na wɔkotow nea ɔte ase daa daa no, na woyiyi wɔn abotiri no gu ahengua no anim to dwom sɛ:


Na nhengua aduonu anan atwa ahengua no ho ahyia, na mihuu mpanyimfo aduonu anan sɛ wɔtete nhengua no so hyehyɛ ntade fitaa na sika abotiri bobɔ wɔn ti.


Mifura trenee na efura me, m’atemmusɛm te sɛ atade yuu ne abotiri:


nhwehwɛ ne nwera pa ne ntamabamma ne nkataanim.


Asɔfo no hyɛn mu a, wommfi kronkronbea hɔ mmfi adi nnkɔ ɛho fam abangua no so, na emu hɔ na wɔmfa wɔn ntade a wɔde som ngu, na ɛyɛ kronkron; wɔnhyehyɛ ntade foforo ansa na wɔabɛn nea ɛyɛ ɔman no de ho.


Na Awurade bɔfo no dii Yosua adanse sɛ:


AWURADE mu na me ho sɛpɛw me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi, efisɛ ɔde nkwagye atade ahyɛ me, ɔde trenee batakari asi me, sɛ ayeforokunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotiri, ne ayeforo a ɔde ne nnwinne hyehyɛ ne ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios