Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 3:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔma mihuu ɔsɔfopanyin Yosua sɛ ogyina Awurade bɔfo no anim, na Satan gyina ne nifa sɛ ɔretoto n’ano.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔmaa mehunuu Ɔsɔfopanin Yosua sɛ ɔgyina AWURADE bɔfoɔ no anim, na Satan gyina ne nifa sɛ ɔretoto n’ano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei ɔkyerɛɛ me ɔsɔfopanyin Yosua a ogyina Awurade bɔfo anim, na Satan gyina ne nifa so rebɛbɔ no sobo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔmaa mehunuu Ɔsɔfopanin Yosua sɛ ɔgyina AWURADE bɔfoɔ no anim, na Satan gyina ne nifa sɛ ɔretoto n’ano.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, ɔkyerɛɛ me ɔsɔfopanin Yosua a ɔgyina Awurade ɔbɔfoɔ anim, na Satan gyina ne nifa so rebɛbɔ no soboɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔma mihuu ɔsɔfopanyin Yosua sɛ ogyina Awurade bɔfo no anim, na Satan gyina ne nifa sɛ ɔretoto n’ano.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 3:1
36 Referencias Cruzadas  

Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w'asefo ne n'asefo ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.


abɔfo a woyii me bɔne nyinaa mu no nhyira mmofra yi, na wɔmfa me din ne m'agyanom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn, na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase mfinimfini.


Na Satan gyina hyɛɛ Israel, na opiapiaa Dawid sɛ ɔnkan Israel.


Me mma, afei monnyɛ anihaw, na mo na AWURADE apaw mo sɛ munnyina n’anim nsom no, na monyɛ no asomfo ne aduhuamhyewfo.


Na wohuu asɔfo mma mu wɔn a wɔahyiahyia mmea ananafo: Yosadak ba Yesua ne ne nuanom mu: Maaseia ne Eliesa ne Yarib ne Gedalia.


Wɔne Serubabel ne adikanfo a edidi so yi na ɛbae: Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum, Baana. Israel man mu mmarima dodow ni:


Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua sɔree, na wofii ase sii Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no, na Onyankopɔn adiyifo no ka wɔn ho na wosoo wɔn mu.


Na ose anka ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a oyii no no kogyinaa n’anim siw abu no ano, sɛ ɔrepam n’abufuw no, na wansɛe wɔn.


Fa ɔbɔnefo si no so, na ma Satan nnyina ne nifa.


Enti sɛ AWURADE se ni: Sɛ wosan a, mede wo mɛsan maba; na woabegyina m’anim; na sɛ wuyi aboɔdenne fi ahuhude mu a, wobɛyɛ sɛ m’ano; wɔn de, wɔbɛdan aba wo nkyɛn, na wo de, worensan nkɔ wɔn nkyɛn.


na wɔbɛyɛ me kronkronbea asomfo ayɛ ofi no apon ano ahwɛfo, na wɔasom ofi no mu; wɔn na wɔbɛbɔ ɔhyew afɔre ne okum afɔre ama ɔman no, na wɔn ara na wobegyina wɔn anim asom wɔn.


Na asɔfo, Lewifo, Sadok mma a wɔyɛ me kronkronbea hɔ adwuma, bere a Israelfo fii me nkyɛn kɔfom kwan no, wɔn de, wɔbɛbɛn me asom me, na wɔagyina m’anim de srade ne mogya abrɛ me, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni,


Ɔhene Dario afe a ɛto so abien no ɔsram a ɛto so asia no da a edi kan no, Awurade asɛm nam odiyifo Hagai so baa Yuda amrado Serubabel a ɔyɛ Sealtiel ba ne ɔsɔfopanyin Yosua a ɔyɛ Yehosadak ba nkyɛn sɛ:


Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yehosadak ba ɔsɔfopanyin Yosua ne ɔman no nkae no nyinaa tiee Awurade wɔn Nyankopɔn ne odiyifo Hagai nsɛm, sɛnea Awurade wɔn Nyankopɔn somaa no no, na ɔman no suroe Awurade anim.


Na afei, hyɛ wo ho den, Serubabel, Awurade asɛm ni, na hyɛ wo ho den, Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfopanyin, na monhyɛ mo ho den, asase no so man nyinaa, Awurade asɛm ni, na monyɛ adwuma no, na midi mo akyi, asafo Awurade asɛm ni.


Na Awurade de nsɛm pa, awerɛkyekye nsɛm, buaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no


Na mibisaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no sɛ: Dɛn ne eyinom? Na obuaa me sɛ: Eyinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem petee no.


Na ɔbɔfo a ɔrekasa akyerɛ me no buaa me sɛ: Merebɛkyerɛ wo dekode a eyinom yɛ.


Na hwɛ, ɔbɔfo a ɔne me kasae no fii adi, na ɔbɔfo foforo fii adi kohyiaa no,


Tie ɛ, ɔsɔfopanyin Yosua, wo ne wo mfɛfo a wɔtete w’anim no, efisɛ wɔyɛ anwonwafo; na hwɛ, mede m’akoa “Baa” reba.


Na ose: Eyinom ne nnipa baanu a wasra wɔn ngo na wogyinagyina asase nyinaa wura nkyɛn no.


na fa yɛ abotiri, bɔ Yehosadak ba ɔsɔfopanyin Yosua ti,


Hwɛ, meresoma me bɔfo, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na Awurade a mohwehwɛ no no, yiw apam bɔfo a mopɛ no no bɛba n’asɔrefi; hwɛ, ɔreba, asafo Awurade na ose.


Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina Onipa Ba no anim.


Simon, Simon, hwɛ, anka na Satan pɛ sɛ onya mo, na ohuhu mo so sɛ aburow.


Saa bere no na AWURADE yii Lewifo abusuakuw sɛ wɔnsoa AWURADE apam adaka no, na wonnyina AWURADE anim nsom no, na wɔmfa ne din nhyira, de abedu nnɛ da yi.


Odiyifo a ofi wo mu a ofi wo nuanom mu te sɛ me na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma no so ama wo, ɔno na muntie no.


Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.


Na Bet-semesfo no kae sɛ: Hena na obetumi agyina AWURADE, Onyankopɔn kronkronni yi anim, na hena nkyɛn na omfi yɛn nkyɛn nkɔ?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios