Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 2:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na sɛ asafo Awurade se ni: N’anuonyam nti, na wasoma me amanaman a wɔfom mo no nkyɛn; na nea ɔka mo no, waka Awurade aniwa nkosua.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie: N’animuonyam nti na wasoma me amanaman a wɔfom mo no nkyɛn; na deɛ ɔka mo no, waka AWURADE ani kosua.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Efisɛ sɛɛ na Asafo Awurade se, “Onuonyamfo no asoma me akotia aman a wɔafow mo nneɛma no akyi no, nea ɔde ne nsa bɛka mo biara no de nsa aka AWURADE aniwa nkesua.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie: N’animuonyam nti na wasoma me amanaman a wɔfom mo no nkyɛn; na deɛ ɔka mo no, waka AWURADE ani kosua.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛfiri sɛ sei na Asafo Awurade seɛ, “Onimuonyamfoɔ no asoma me akɔtia aman a wɔafo wo nneɛma no. Ɛfiri sɛ, deɛ ɔde ne nsa bɛka wo biara no de nsa aka AWURADE aniwa kosua.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na sɛ asafo Awurade se ni: N’anuonyam nti, na wasoma me amanaman a wɔfom mo no nkyɛn; na nea ɔka mo no, waka Awurade aniwa nkosua.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 2:8
50 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no ɔdae mu sɛ: Me nso minim sɛ, wo komam fann na wode yɛɛ eyi, na me nso misoo wo mu, na woanyɛ me bɔne, ɛno nti na mamma woamfa wo ho anka no.


Na AWURADE somaa Kaldeafo asafo ne Siriafo asafo ne Moabfo asafo ne Amonfo asafo baa no so, na ɔsomaa wɔn baa Yuda so sɛ wɔmmɛsɛe no, sɛ AWURADE nam ne nkoa adiyifo so kae no.


Hwɛ me so sɛ aniwa kurutiayisi, fa me hintaw wo ntaban nwini ase,


Di me mmara nsɛm so na nya nkwa, na bu me mmara sɛ w’aniwa kurutiayisi.


Na w’amamfo ne wo nkurow a asɛe ne w’afasusin asase no, afei wobɛyɛ hihiaa a wɔn a wɔbɛtena so no rensen, na wɔn a wɔmene wo no akɔ akyirikyiri.


Sɛɛ na AWURADE ka wɔn a wɔtete me ho no nyinaa ho: Nnipa bɔne a wɔde wɔn nsa aka agyapade a mede memaa me man Israel sɛ wonni no, hwɛ, meretutu wɔn afi wɔn asase so, na metu Yuda fi mafi wɔn mu.


Na amanaman nyinaa bɛsom no ne ne ba ne ne ba ba ara akosi sɛ ɔno nso n’asase bere bedu, na amanaman bebree ne ahene akɛse ama wasom bi.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ Edom adi Yuda fi so were na wɔadi so pa ara na wɔatɔ wɔn so were no nti,


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ Filistifo atɔ no so were, na wɔde ɔkra mu ahitew atɔ wɔn ho were sɛ wɔde daa ɔtan bɛsɛe wɔn no nti,


Onipa ba, esiane sɛ Tiro ka Yerusalem ho sɛ: Wiɛ, wɔabubu nkurɔfo no pon no, ɛbɛdan aba me nkyɛn; mɛyɛ ma, ɛno ayɛ amamfo nti,


mede wo mesian maka wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no ho makɔ tete bemee nkurɔfo no nkyɛn, na mama woatena famfam asase so, nea ɛhɔ yɛ amamfo fi tete bemee no, wɔn a wosian kɔ amoa mu no nkyɛn, nea ɛbɛyɛ na wɔrentena wo mu bio, na mɛyɛ anuonyanne, ateasefo asase so.


Esiane sɛ wukuraa daa nitan, na wuyii Israel mma hyɛɛ nkrante nsa, wɔn amane bere mu, wɔn asotwe a edi akyiri no mu nti,


Na mɛma nnipa ne afieboa adɔɔso mo so, na wɔadɔ awowo bebree, na mama wɔatena mo so sɛ mo kan bere no, na mayɛ mo yiye asen mo mfiase, na moahu sɛ mene AWURADE.


na woaka sɛ: Mɛforo makɔ asase a ano da hɔ no so makotua wɔn a wɔwɔ hɔ komm a wɔte hɔ dwoodwoo no, wɔn nyinaa tete hɔ a wonni ɔfasu, na wonni aponkɛse ne akyiri adaban,


Enti, onipa ba, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ Gog sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: So ɛnyɛ da a me man Israel bɛtena ase dwoodwoo no na wubehu,


Sɛ AWURADE se ni: Edom amumɔyɛ abiɛsa ne anan nti merennan n’asotwe no, sɛ ɔde afoa tiw ne nua, na ne yam anhyehye no, na n’abufuw sɛe ade ara, na ɔyɛ n’abohuru no so ade daa nti.


Sɛ AWURADE se ni: Amonfo amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan wɔn asotwe no, sɛ bere a wogu so retrɛw wɔn ahye mu no mpo, wɔpaepae Gilead apemfo mu nti


Sɛ AWURADE se ni: Tiro amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔde atukɔfo dodow, ɔman mu hyɛɛ Edom nsa, na wɔankae anuanom apam no nti.


Na afei amanaman pii aboa wɔn ho ano ahyɛ wo, na wɔka sɛ: Ma Sion ho nhura, na yɛmfa yɛn ani nhwɛ n’animguase no.


Na wɔde afoa ayɛn Asaria asase ne Nimrod asase n’apon mu; na sɛ Asaria ba yɛn asase so na sɛ otiatia yɛn hye so a, obegye yɛn afi ne nsam.


Na me tamfo behu, na aniwu abɛkata no so, ɔno a ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛhe na wo Nyankopɔn no wɔ no? Mede m’ani mɛhwɛ no, afei wobetiatia no so sɛ mmorɔn so dɔte.


Na wo Babel, asɛmmɔne a wodii no Lebanon; mmoa sɛe a ɛbɔɔ wɔn piriw, nnipa mogya a woka guu asase so, ne kurow ne emufo nhyɛso no nyinaa bɛba w’atifi.


Esiane sɛ woafow amanaman pii nti, na woahyɛ nkurow ne emufo so, na woahwie nnipa mogya agu nti, wo nso aman bɛfow wo afa.


Mate Moab nsopa ne Amonfo yaw a wɔde asopa me man na wɔama wɔn ho so atia wɔn hye no;


Na amanaman bebree de wɔn ho bɛba abɛbɔ Awurade ho ɛda no, na wɔayɛ me ɔman; na mɛtena wo mu, na wubehu sɛ asafo Awurade na asoma me wo nkyɛn.


Na hwɛ, wɔn so na mehwim me nsa na wɔadannan afow ade ama wɔn nkoa, na moahu sɛ asafo Awurade na asoma me.


Na mmarimaa ne mmeawa bɛyɛ kurow no mmɔnten so mama, na wɔagoru emu mmɔnten so.


Hwɛ, meresoma me bɔfo, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na Awurade a mohwehwɛ no no, yiw apam bɔfo a mopɛ no no bɛba n’asɔrefi; hwɛ, ɔreba, asafo Awurade na ose.


Na ɔhene bebua ase wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moyɛ maa me.


Ɛnna obebua wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moanyɛ amma nketewaa yi mu biako yi, moanyɛ amma me.


na okyigyinafo a ɔne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa, na ɔbɛkae mo nea maka mo nyinaa.


Sɛnea wosomaa me wiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn wiase.


Na ɔhwee fam, na ɔtee nne bi a ɛka kyerɛɛ no sɛ: Saulo, Saulo, adɛn nti na wotaa me?


Ohuu no sare asase so ne nkyerekyerewa so, sare pradada so nkekaboa su mu; otwaa ne ho hyiae, ɔhwɛɛ no so yiye, ɔkoraa no so sɛ n’aniwa kurutiayisi.


Efisɛ ɛteɛ Onyankopɔn anim sɛ ɔde ahohia tua wɔn a wohiahia mo ho no ka,


Na yɛahu na yedi adanse sɛ: Agya no asoma Ɔba no sɛ wiase Agyenkwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios