Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 2:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Huu, Sion, bɔ wo ho aguaa, wo a wo ne Babel babea te no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Huu, Sion, bɔ wo ho adwaa, wo a wo ne Babel babaa teɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Mommra, Sion! Munguan, mo a mote Ɔbabea Babilonia!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Huu, Sion, bɔ wo ho adwaa, wo a wo ne Babel babaa teɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Mommra, Ao Sion! Monnwane mo a mote Babilonia!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Huu, Sion, bɔ wo ho aguaa, wo a wo ne Babel babea te no.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 2:7
13 Referencias Cruzadas  

Mumfi Babel, munguan mfi Kaldeafo mu; momfa ahurusi nne nka eyi, monteɛm mma wɔnte, momma emfi nkodu asase ano. Monka sɛ: AWURADE agye n’akoa Yakob.


Na metee nne foforo fii soro sɛ: Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nneyɛe bɔne no bi, na moannya ne haw no bi.


Na ɔde nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanse na otuu wɔn fo sɛ: Momma wonnye mo mfi nnɛ mma abusua kɔntɔnkye yi mu!


Munguan mfi Babel, na munguan nnye mo kra nkwa mfi ne mu, na moanwu n’amumɔyɛ mu, efisɛ AWURADE aweretɔ bere ni, ɔretua no ne nneyɛe so ka.


Montwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, monnka ade a ɛho ntew; mumfi adi mfi ne mu, montew mo ho, mo a mosoa AWURADE nnwinne no.


Na wɔde wɔn fii adi no, ɔkae sɛ: Guan gye wo kra nkwa, nhwɛ w'akyi, nso nnyina dantaban yi mu baabiara; bepɔw so na guan kɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo.


Sion babea, ko awo, kyem sɛ ɔwofo, na afei wubefi adi afi kurow no mu akɔtena wuram, na woakɔtena Babel tɔnn; ɛhɔ na wobeyi wo, ɛhɔ na AWURADE bɛpɔn wo afi w’atamfo nsam.


Me man, mumfi adi mfi ne mu, na munnyigye mo kra nkwa mfi AWURADE abufuw mu gya no ano.


Munguan mfi Babel, na mumfi Kaldeafo asase so nkɔ, na monyɛ sɛ mpapo a wodi nguan anim.


Yerusalem, poroporow wo ho mfutuma gu, sɔre, tena ase! Sion babea a wɔafa wo dommum, sansan wo kɔn mu nkyehama!


Na Israelfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa guanee, wɔn gyegyeegye no ano, kae sɛ: Anyɛ a, asase bɛmene yɛn nso!


Na ɔkasa kyerɛɛ asafo no sɛ: Montwe mo ho mfi nnipa bɔnefo yi ntamadan ho ɛ, na monnka wɔn biribiara, na wɔampra mo ne wɔn bɔne nyinaa ankɔ.


Sian, na tena mfutuma mu, Ɔbaabun Babel babea, Tena fam, ahengua bi nni hɔ, Kaldeafo babea, na wɔremfrɛ wo ɔbaabere a ɔkokɔ ne ho bio.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios