Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 2:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Huu, huu! Munguan mfi atifi fam asase so, Awurade asɛm ni, na matrɛw mo mu sɛ ɔsoro mframa anan no, Awurade asɛm ni.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Huu, huu! Monnwane mfiri atifi fam asase so, AWURADE na ɔseɛ, na matrɛ mo mu sɛ ɔsoro mframa nnan no, AWURADE asɛm nie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “Mommra! Mommra! Munguan mfi atifi asase no so,” sɛ Awurade se ni, “Na mahwete mo mu ama ɔsoro mframa anan no,” sɛnea Awurade se ni.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Huu, huu! Monnwane mfiri atifi fam asase so, AWURADE na ɔseɛ, na matrɛ mo mu sɛ ɔsoro mframa nnan no, AWURADE asɛm nie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “Mommra! Mommra! Monnwane mfiri atifi asase no so,” sɛ Awurade seɛ nie, “Na mahwete mo mu ama ɔsoro mframa ɛnan no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Huu, huu! Munguan mfi atifi fam asase so, Awurade asɛm ni, na matrɛw mo mu sɛ ɔsoro mframa anan no, Awurade asɛm ni.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 2:6
30 Referencias Cruzadas  

na n’aguanfo a wɔwɔ n’asafo nyinaa mu nyinaa, nkrante ano na wɔbɛtotɔ, na wɔn a wɔaka no, wɔbɛbɔ wɔn apete mframa nyinaa mu, na moahu sɛ me, AWURADE, na maka.


Mumfi Babel, munguan mfi Kaldeafo mu; momfa ahurusi nne nka eyi, monteɛm mma wɔnte, momma emfi nkodu asase ano. Monka sɛ: AWURADE agye n’akoa Yakob.


Na metee nne foforo fii soro sɛ: Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nneyɛe bɔne no bi, na moannya ne haw no bi.


Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɛwom sɛ mede wɔn mekɔɔ akyirikyiri, amanaman mu, na mebɔɔ wɔn mepetee nsaase so de, nanso mayɛ wɔn kronkronbea kakra, nsaase a wɔakɔ so no so.


Na AWURADE bɛbɔ wo apete aman nyinaa mu afi asase ano akosi asase ano, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforo a wo ne w’agyanom nnim wɔn a ɛyɛ nnua ne abo;


Na wɔde wɔn fii adi no, ɔkae sɛ: Guan gye wo kra nkwa, nhwɛ w'akyi, nso nnyina dantaban yi mu baabiara; bepɔw so na guan kɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo.


Huu, Sion, bɔ wo ho aguaa, wo a wo ne Babel babea te no.


Na hwɛ, mɛhyɛ na masɔn Israel fi so amanaman nyinaa mu, sɛnea wɔsɔn ade so sɔnee mu, nanso awifua rentɔ fam.


Wo mu nkyemu abiɛsa mu biako bewuwu owuyare ano, na ɔkɔm bɛdwerɛw wɔn wo mu, nkyemu abiɛsa mu biako bɛtotɔ nkrante ano atwa wo ho ahyia, na nkyemu abiɛsa mu biako nso, mɛbɔ wɔn mapete mframa nyinaa mu, na matwe nkrante madi wɔn akyi.


Mo a moafi mu afi afoa ano no, monnantew nkɔ, munnnyina! Mumfi akyirikyiri nkae AWURADE, Yerusalem nso mmra mo komam.


Me man, mumfi adi mfi ne mu, na munnyigye mo kra nkwa mfi AWURADE abufuw mu gya no ano.


Munguan mfi Babel, na munguan nnye mo kra nkwa mfi ne mu, na moanwu n’amumɔyɛ mu, efisɛ AWURADE aweretɔ bere ni, ɔretua no ne nneyɛe so ka.


Munguan mfi Babel, na mumfi Kaldeafo asase so nkɔ, na monyɛ sɛ mpapo a wodi nguan anim.


Muntie AWURADE asɛm, amanaman, na monka wɔ akyirikyiri mpoano aman so sɛ: Nea ɔbɔɔ Israel petee no reboa wɔn ano, na wahwɛ wɔn sɛ oguanhwɛfo hwɛ ne kuw.


Hwɛ, mede wɔn mifi atifi fam asase so reba, na makɔboa wɔn ano afi asase anoano tɔnn; na anifuraefo ne mpakye, apemfo ne mmaatan nyinaa ka ho bi; asafo yuu na wɔbɛsan aba ha.


Na mɛma wɔaguan wɔn ho, asase so ahenni nyinaa mu, Yuda hene Manase a ɔyɛ Hesekia ba ne nea ɔyɛ Yerusalem no nti a.


Nna no mu na Yuda fi ne Israel fi bɛbom anantew, na wɔafi atifi fam asase so aba asase a mede memaa wɔn agyanom dii so no so.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atifi fam nso na adebɔne befi aba asase no sofo nyinaa so.


Mommra o, mo a osukɔm de mo nyinaa, mommra nsu ho, na mo a munni sika no mommra mmɛtɔ, na munni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufusu; ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na enni bo nso.


Na Boas kɔɔ kurow pon no ano kɔtenaa hɔ; na hwɛ, abusua mu gyefo a Boas bɔɔ ne din no retwam. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asiamasi ee, man bra bɛtena ha. Na ɔman bɛtenaa ase.


Na ɔbɛsoma n’abɔfo ama wɔde torobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afi mframa anan no mu afi ɔsoro ano akɔpem ano.


Ɛno na ɔbɛsoma n’abɔfo, na wɔakɔboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afi mframa anan no mu, afi asase ano akɔpem ɔsoro ano.


Wode wo nsa pam amanaman, na wɔn de, wuduaa wɔn. Wobɔɔ aman, na wɔn de, wotrɛw wɔn mu.


Enti wo mu na agyanom bedi mma nam, na mma adi wɔn agyanom nam, na mabu wo mu atɛn, na mabɔ wo nkae nyinaa mapete mframa nyinaa mu.


Na ogyina a, n’ahenni bɛbɔ, na wɔakyɛ mu akɔ ɔsoro mframa anan no mu, nanso wɔremfa mma n’asefo, na ɛrenyɛ sɛ ne tumi a ɔde dii hene no; na wobetutu n’ahenni no de ama afoforo, na ɛnyɛ eyinom.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ wɔbɛkyekyere kurow no ama AWURADE afi Hananel abantenten ho akosi twea so ponkɛse so,


Enti sɛ Awurade se ni: Mede ayamhyehye madan m’ani makyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wobesi me fi nso, asafo Awurade asɛm ni, na wɔbɛtwe susuhama mu Yerusalem so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios