Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 2:4 - KYERƐW KRONKRON

4 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tu mmirika ka kyerɛ aberante yi sɛ: Yerusalem bɛda hɔ sɛ nkuraankuraa a enni afasu, nnipa ne mmoa a ɛwɔ mu dodow nti;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 na ɔka kyerɛɛ no se: Tu mmirika kɔka kyerɛ aberanteɛ yi sɛ: Yerusalem bɛda hɔ sɛ nkuraankuraa a ɛnni afasuo, nnipa ne mmoa a ɛwɔ mu dodoɔ nti;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 na ɔka kyerɛɛ no se, “Tu mmirika, ka kyerɛ saa aberante no se, ‘Yerusalem bɛyɛ kuropɔn a enni afasu esiane nnipa ne mmoa dodow a wɔwɔ mu nti.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 na ɔka kyerɛɛ no se: Tu mmirika kɔka kyerɛ aberanteɛ yi sɛ: Yerusalem bɛda hɔ sɛ nkuraankuraa a ɛnni afasuo, nnipa ne mmoa a ɛwɔ mu dodoɔ nti;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Tu mmirika, ka kyerɛ saa aberanteɛ no sɛ, ‘Yerusalem bɛyɛ kuropɔn a ɛnni afasuo ɛsiane nnipa ne mmoa dodoɔ a wɔwɔ mu enti.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tu mmirika ka kyerɛ aberante yi sɛ: Yerusalem bɛda hɔ sɛ nkuraankuraa a enni afasu, nnipa ne mmoa a ɛwɔ mu dodow nti;

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 2:4
24 Referencias Cruzadas  

Enti Yudafo a wɔwɔ nkuraa ase a wɔtete nkurow a ɛho nni afasu mu no de ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] da a ɛto so dunan no yɛ apontow ne anigye da ne dapa a wɔde nneɛma mema wɔn ho.


Hwɛ Sion, yɛn afahyɛ kurow no, w’aniwa behu Yerusalem, ofi a ɛyɛ komm, ntamadan a entwiw nkɔ a wɔrentutu ne mmofunnua da biara da na ne ntampehama biara rentetew no.


nea ɔma n’akoa asɛm gyina, na ɔma n’abɔfo agyinatusɛm ba mu; nea ɔka Yerusalem ho sɛ: Nnipa ntena mu! Ne Yuda nkurow ho sɛ: Wɔnkyekye, na mɛma n’akurofo so agyinagyina.


Nso mma a kan no ɛbɔɔ wo no benya aka w’asom sɛ: Afa ha yɛ hihiaa ma me, twiw kɔ, na minnya tenabea.


Hwɛ, me na mebɔɔ ɔtomfo a ohuw gyabiriw mu, na ɔbɔ akode sɛ ne dwuma te, na me ara na mebɔɔ ɔsɛefo sɛ ɔnsɛe.


Ɛnna mekae sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, minnim kasa, na minyin ɛ.


Na Yuda ne ne nkurow nyinaa bɛbom atena mu, akuafo ne wɔn a wɔne mmoakuw di atutena.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ medua Israel fi ne Yuda fi mama nnipa ase ne mmoa ase afɛe.


Sɛnea wontumi nkan ɔsoro asafo na wontumi nsusuw mpoano anwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefo ne Lewifo a wɔyɛ m’asomfo no adɔ.


na woaka sɛ: Mɛforo makɔ asase a ano da hɔ no so makotua wɔn a wɔwɔ hɔ komm a wɔte hɔ dwoodwoo no, wɔn nyinaa tete hɔ a wonni ɔfasu, na wonni aponkɛse ne akyiri adaban,


Na mmerantewa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nhoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne anitew, na Daniel nyaa anisoadehu ne adae nyinaa mu nhumu.


mmerantewa a wɔn ho nni dɛm na wɔn ho yɛ fɛ, na wɔn ani atew, nyansa nyinaa mu, na wonim de na wɔwɔ nhumu, na wobetumi agyina ɔhene aban mu, na ɔnkyerɛ wɔn mma wonsua Kaldeafo nhoma ne kasa.


Ɛda a wɔbɛto wo fasu no reba; ɛda no na wobetwiw wo hye akɔ akyirikyiri.


Enti sɛ Awurade se ni: Mede ayamhyehye madan m’ani makyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wobesi me fi nso, asafo Awurade asɛm ni, na wɔbɛtwe susuhama mu Yerusalem so.


Pae mu bio ka sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Nnepa bebu so me nkurow mu, na Awurade bɛkɔ so akyekye Sion werɛ, na ɔbɛkɔ so afa Yerusalem ayɛ ne de.


Ɛda no, mede Yuda abusua no mɛyɛ sɛ nnyina mu ogya asanka ne afiafi mu gyatɛn, na ahyew aman a atwa ho ahyia nyinaa, anafo ne atifi so, na Yerusalem bɛtena n’asase, Yerusalem hɔ ara.


Na eyi bɛyɛ ɔhaw a AWURADE de bɛhaw amanaman a wɔatu Yerusalem so sa no nyinaa: Wɔda so gyinagyina wɔn anan so no, wɔn honam bɛporɔporɔw, na wɔn aniwa aporɔporɔw wɔn anipon mu, na wɔn tɛkrɛma aporɔporɔw wɔn anom.


Mma obi mmmu wo aberante a woyɛ no abomfiaa, na mmom yɛ gyidifo nhwɛso ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidi mu, ahotew mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios