Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 2:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na Awurade bɛfa Yuda adi so sɛ ne kyɛfa, asase kronkron no, na wakɔ so afa Yerusalem ayɛ ne de.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na AWURADE bɛfa Yuda adi so sɛ ne kyɛfa asase kronkron no so, na wakɔ so afa Yerusalem ayɛ ne deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Awurade bɛfa Yuda sɛ nʼagyapade wɔ asase kronkron no so, na ɔbɛfa Yerusalem bio.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na AWURADE bɛfa Yuda adi so sɛ ne kyɛfa asase kronkron no so, na wakɔ so afa Yerusalem ayɛ ne deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Awurade bɛfa Yuda sɛ nʼagyapadeɛ wɔ asase kronkron no so, na ɔbɛfa Yerusalem bio.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na Awurade bɛfa Yuda adi so sɛ ne kyɛfa, asase kronkron no, na wakɔ so afa Yerusalem ayɛ ne de.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 2:12
19 Referencias Cruzadas  

na mayi Yerusalem sɛ me din ntena hɔ, na mayi Dawid sɛ onni me man Israel so.


Na Haman kaa nea ato no nyinaa kyerɛɛ ne yere Seres ne n’adɔfo no nyinaa; na n’anyansafo ne ne yere Seres ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Mordekai a woafi ase rehwe ase n’anim yi fi Yudafo asefo mu a, worentumi no, na mmom ase na wobɛhwe n’anim.


Monnka me nnipa a wɔasra wɔn no, na monnyɛ m’adiyifo bɔne bi.


Na AWURADE apaw Sion, wapɛ hɔ de ayɛ ne tenabea.


Eyi ne me homebea daapem, ɛha na mɛtena, na mepɛ ha.


Na AWURADE apaw Yakob afa, ɔde Israel ayɛ ne de.


Nhyira ne nkurɔfo a wɔn Nyankopɔn ne AWURADE, ne ɔman a wapaw wɔn de ayɛ n’ankasa apɛgyade.


Ao! Onyankopɔn, sɔre ɛ, bu asase atɛn, na wo na wubedi ade, amanaman nyinaa mu.


Na AWURADE yam bɛhyehye no Yakob ho, na wapaw Israel bio, na ɔde wɔn adua wɔn asase so, na ananafo de wɔn ho afam wɔn ho, na wɔabata Yakob fi ho.


Anwummere no, na hwɛ, piriwbɔ aba; ade nnya nkyee no, na wonni hɔ bio. Eyi ne yɛn dwowtwafo kyɛfa ne yɛn afowfo ade a wonya.


Wo a maso wo mu afi asase ano na mafrɛ wo afi n’ahye so aba, na maka makyerɛ wo sɛ: M’akoa ne wo, mapaw wo, na merentow wo menkyene!


Yakob kyɛfa nte sɛ eyinom, na ade nyinaa yɛfo ne no, na Israel ne n’apɛgyade a ne poma di so; asafo AWURADE ne ne din.


Ɛno nti wɔn a wɔtetew wo nyinaa, wɔbɛtetew wɔn, na wɔn a wohiahia wo ho nyinaa, wɔn nyinaa bɛkɔ nnommum mu, na wɔn a wotwa wo dwow no, wobetwa wɔn dwow, na wɔn a wɔfow wo nyinaa, mɛma wɔafow wɔn.


Yakob kyɛfa nte sɛ eyinom, na ade nyinaa yɛfo ne no, na Israel ne n’agyapade abusuakuw, asafo AWURADE ne ne din.


Pae mu bio ka sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Nnepa bebu so me nkurow mu, na Awurade bɛkɔ so akyekye Sion werɛ, na ɔbɛkɔ so afa Yerusalem ayɛ ne de.


Na Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ Satan sɛ: Awurade ntwiw w’anim, Satan, na Awurade a wapaw Yerusalem no ntwiw w’anim! So oyi nyɛ gyentia a wɔahwim afi gya mu?


Ohuu no sare asase so ne nkyerekyerewa so, sare pradada so nkekaboa su mu; otwaa ne ho hyiae, ɔhwɛɛ no so yiye, ɔkoraa no so sɛ n’aniwa kurutiayisi.


Na AWURADE kyɛfa ne ne man, Yakob ne n’agyapade a wɔasusuw ama no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios