Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 13:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na ɛda no, adiyifo no ani bewuwu wɔn adehu ho, wɔn nkɔmhyɛ no mu, wɔremfura nwi nguguso mfa nsisi bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na ɛda no adiyifoɔ no ani bɛwuwu wɔn adehunu ho, wɔn nkɔmhyɛ no mu, wɔremfira enwi ngusoɔ mfa nsisi bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “Saa da no, odiyifo biara ani bewu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehu ho. Ɔrenhyɛ odiyifo atade a wɔde nwi ayɛ no mfa nnaadaa nnipa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɛda no adiyifoɔ no ani bɛwuwu wɔn adehunu ho, wɔn nkɔmhyɛ no mu, wɔremfira enwi ngusoɔ mfa nsisi bio.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “Saa ɛda no, odiyifoɔ biara ani bɛwu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehunu ho. Ɔrenhyɛ odiyifoɔ atadeɛ a wɔde nwi ayɛ, mfa nnaadaa nnipa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɛda no, adiyifo no ani bewuwu wɔn adehu ho, wɔn nkɔmhyɛ no mu, wɔremfura nwi nguguso mfa nsisi bio.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 13:4
11 Referencias Cruzadas  

Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Atade a ɔhyɛ no yɛ aboa nwin, na nhoma abɔso bɔ n’asen. Na ose: Ɛyɛ Tisbini Elia.


bere no ara mu na AWURADE nam Amos ba Yesaia so kae sɛ: Kɔ na koyi atweaatam no fi w’asen mu, na san wo mpaboa fi wo nan ase. Na ɔyɛɛ saa de adagyaw ne nammɔnhunu nantewee.


Sɛ wɔkyere owifo a, n’ani wu no, saa na Israel fi ani awu, wɔn, wɔn ahene, wɔn asafohene ne wɔn asɔfo ne wɔn adiyifo


So wɔn ani wuu akyide a wɔyɛe no ho? Daabi, wɔn ani anwu koraa, na wɔn anim nso ansiam; ne saa nti wɔbɛtotɔ atɔfo mu. Ɛbere a mɛba mabɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase, AWURADE na ose.


Anyansafo ani bewu, wɔbɛbɔ piriw na wɔakyere wɔn. Hwɛ, AWURADE asɛm na wɔapa yi, na nyansa bɛn na wɔwɔ?


Nso na Yohane yi fura ntama a wɔde yoma nwi na ayɛ, na aboa nhoma abɔso bɔ n’asen, na n’aduan ne mmoadabi ne wuram wo.


Na Yohane fura yoma nwi ntama, na aboa nhoma abɔso bɔ n’asen, na odi mmoadabi ne wuram wo.


Wosiw wɔn abo, de ɔwan paee wɔn mu, sɔɔ wɔn hwɛe, de nkrante kunkum wɔn. Wokyinii nguanten ne mmirekyi nhoma mu, ehiaa wɔn, wɔn ho guan wɔn, wohuu amane.


Na mɛma m’adansefo baanu afurafura atweaatam abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios