Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 12:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na da no, mede Yerusalem mɛyɛ tɔkwaboba mama aman nyinaa; wɔn a wɔbɛma so nyinaa bepirapira, na wɔbɛboa asase so amanaman nyinaa ano ahyɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na da no, mede Yerusalem bɛyɛ tɔkwaboba ama aman nyinaa. Wɔn a wɔbɛma soɔ nyinaa bɛpirapira, na wɔbɛboa asase so amanaman nyinaa ano atia no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Saa da no a wiase aman nyinaa aboa wɔn ho ano retia no no, mɛma Yerusalem ayɛ ɔbotantim ama aman no nyinaa. Wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wopirew no no nyinaa bepirapira wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na da no, mede Yerusalem bɛyɛ tɔkwaboba ama aman nyinaa. Wɔn a wɔbɛma soɔ nyinaa bɛpirapira, na wɔbɛboa asase so amanaman nyinaa ano atia no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Saa ɛda no a ewiase aman nyinaa aboa wɔn ho ano retia no no, mɛma Yerusalem ayɛ ɔbotantim ama aman no nyinaa. Wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wopire no no nyinaa bɛpirapira wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na da no, mede Yerusalem mɛyɛ tɔkwaboba mama aman nyinaa; wɔn a wɔbɛma so nyinaa bepirapira, na wɔbɛboa asase so amanaman nyinaa ano ahyɛ no.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 12:3
31 Referencias Cruzadas  

Na ɔman ne ahenni a ɛrensom wo no begu, saa aman no, ɔsɛe na wɔbɛsɛe wɔn nyinaa.


Na Yakob fi bɛyɛ ogya, na Yosef fi ayɛ ogyaframa, na Esau fi ayɛ sakran, na wɔadɛw wɔn mu ahyew wɔn a obiara renka mma Esau fi, efisɛ AWURADE na waka.


na mede abufuw ne abufuhyew matɔ were, amanaman a wɔantie no so.


Na Yakob nkae no bɛyɛ sɛ gyata wɔ kwae mu mmoa mu amanaman bebree a atwa ahyia no mu, sɛ gyataforo wɔ nguankuw no mu sɛ ɔsen ba a otiatia so, na ɔtetew mu a ogyefo bi nni hɔ.


Na wo Babel, asɛmmɔne a wodii no Lebanon; mmoa sɛe a ɛbɔɔ wɔn piriw, nnipa mogya a woka guu asase so, ne kurow ne emufo nhyɛso no nyinaa bɛba w’atifi.


Hwɛ, me ne w’ahawfo nyinaa bedi, ɛbere no mu, na megye asiifo no, na matase wɔn a wɔapam wɔn no, na mɛdan wɔn aniwu ayɛ ayeyi, na atene asase nyinaa so.


na mebutuw ahenni nhengua, na masɛe amanaman ahenni ahoɔden, na mebutuw nteaseɛnam ne emutefo, na apɔnkɔ ne wɔn sotefo ahwehwe ase, na obi atɔ ne nua afoa ano.


Ɛda no, abubuwbɔ bɛso Yerusalem sɛ Hadad-rimon abubuwbɔ no, Megido bon mu,


Ɛda no, Awurade asɛm ni, mede ahodwiriw mɛbobɔ apɔnkɔ nyinaa, na mede adammɔ mabɔ wɔn sotefo; na mebue m’aniwa Yuda fi so, na aman no apɔnkɔ nyinaa, mede anifurae mɛbobɔ wɔn.


Ɛda no, mede Yuda abusua no mɛyɛ sɛ nnyina mu ogya asanka ne afiafi mu gyatɛn, na ahyew aman a atwa ho ahyia nyinaa, anafo ne atifi so, na Yerusalem bɛtena n’asase, Yerusalem hɔ ara.


Ɛda no, wobebue nsuaniwa ano ama Dawid fi ne Yerusalemfo, bɔne ne ahokum fam.


Na ɛda no, AWURADE hooyɛ bebree bɛba wɔn mu, na wɔn nyinaa asuso wɔn ho nsam, na obiako ama ne nsa so ahyɛ ne yɔnko nsa.


Na ɛda no, awɔw anaa sukyenee biara remma.


Na nea ɔbɛhwe ɔbo yi so no, bebubu, na nea ɛbɛhwe no so no, ɛbɛpɛtɛw no.


Obiara a ɔbɛhwe ɔbo no so no, obebubu; na nea ɛbɛhwe no so no, ɛbɛpɛtɛw no.


Na wɔyɛ ahonhommɔne ahonhom a wɔyɛ nsɛnkyerɛnne, na wofi kɔ wiase nyinaa ahemfo nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfo no, da kɛse no mu ko no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios