Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 12:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Hwɛ, mede Yerusalem mɛyɛ ntintantɔ kuruwa mama aman a wɔatwa ho ahyia nyinaa, na wɔka Yerusalem hyɛ mu a, ɛbɛba Yuda so nso.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Hwɛ, mede Yerusalem bɛyɛ ntintantɔ kuruwa ama aman a wɔatwa ho ahyia nyinaa, na sɛ wɔka Yerusalem hyɛ mu a, ɛbɛba Yuda so nso.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Merebɛyɛ Yerusalem kuruwa a ɛbɛma aman a atwa ne ho ahyia no atɔ ntintan. Wɔbɛtow ahyɛ Yuda ne Yerusalem so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Hwɛ, mede Yerusalem bɛyɛ ntintantɔ kuruwa ama aman a wɔatwa ho ahyia nyinaa, na sɛ wɔka Yerusalem hyɛ mu a, ɛbɛba Yuda so nso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Merebɛyɛ Yerusalem kuruwa a ɛbɛma aman a atwa ne ho ahyia no atɔ ntintan. Wɔbɛto ahyɛ Yuda ne Yerusalem so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Hwɛ, mede Yerusalem mɛyɛ ntintantɔ kuruwa mama aman a wɔatwa ho ahyia nyinaa, na wɔka Yerusalem hyɛ mu a, ɛbɛba Yuda so nso.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 12:2
15 Referencias Cruzadas  

Na kuruwa bi wɔ AWURADE nsam, na emu bobesa ani fi ahuru, mfrasa ayɛ mu ma, na ohwie bi; ampa ara, ase puw po, asase so abɔnefo nyinaa befifew anom.


Nyan ɛ, nyan ɛ! Sɔre ɛ, Yerusalem, wo a woanom AWURADE nsam n’abufuw kuruwa no; woanom ntintantɔ kuruwa no na woanom, ahwew mu.


Na sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, aka akyerɛ me ni: Gye abufuhyew nsa kuruwa yi me nsam, na ma amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom,


Ɛnna migyee kuruwa no AWURADE nsam, na memaa amanaman a AWURADE somaa me wɔn nkyɛn no nyinaa nomee,


Na sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, wɔn a ɛmfata wɔn sɛ wɔbɛnom kuruwa no, ɔnom ara na wɔnom, na wo de, wobɛfa wo ho sɔnn adi? Woremfa wo ho sɔnn nni, na mmom ɔnom ara na wobɛnom.


Na mɛma ne mmapɔmma ne n’anyansafo ne n’amradofo ne ne man mpanyimfo ne ne nnɔmmarima abobow, na wɔadeda daa nna a wɔrennyan, ɔhene a ne din de asafo AWURADE no asɛm ni.


Babel yɛ AWURADE nsam sika kuruwa a ɛma asase nyinaa bow; amanaman anom ne nsa no bi, enti na amanaman abobɔ adam no.


Yɛda so tete hɔ yɛ dɛn? Mommoaboa mo ho ano, na yɛnhyɛn nkurow a ɛyɛ den mu, na yenkowuwu wɔ hɔ, na AWURADE yɛn Nyankopɔn adome yɛn ama owu, na wama yɛn nsu a bɔre wɔ mu anom, efisɛ yɛayɛ AWURADE bɔne.


Ahohora amee wo asen anuonyam, wo nso nom, na wo momonoto nna adi. AWURADE nifa mu kuruwa bɛdan aba wo so, na ɔfe ne ahohora begu w’anuonyam so.


Na Yuda ne Yerusalem bɛko, na wɔbɛboa amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa ade dodow ano, sika ne dwetɛ ne ntama bebree pa.


Na mɛboa amanaman nyinaa ano aba Yerusalem ne no abɛko, na wɔafa kurow no, na wɔafow afi no, na wɔahura mmea no ho, na kurow no fa afi akɔ atukɔ mu, na ɔman no nkae de, wɔrentwitwa wɔn mfi kurow no mu.


ɔno ara na ɔbɛnom Onyankopɔn abufuw nsa a wɔahwie no gyenn agu n’abufuw kuruwa mu no bi, na wɔayɛ no ayayade, ogya ne sufre mu, abɔfo kronkron ne Oguammaa no anim.


Na kurow kɛse no mu paee afaafa abiɛsa, na amanaman nkurow hwehwee ase, na wɔkaee Babel kɛse no, Onyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no n’abufuw a emu yɛ den no nsa kuruwa.


Muntua no ka, sɛnea otuaa mo ka, na momfa mmɔ ho abien mma no, sɛnea ne nnwuma te. Kuruwa a ɔfrae no, momfra mmu mmɔ ho abien mma no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios