Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 12:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Awurade atemmusɛm a ɛfa Israel ho, Awurade a ɔtrɛw ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase na ɔnwenee onipa honhom wɔ ne mu no asɛm ni:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 AWURADE atemmusɛm a ɛfa Israel ho, AWURADE a ɔtrɛ ɔsoro mu na ɔto asase fapem na ɔnwono onipa honhom wɔ ne mu no asɛm nie:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nkɔmhyɛ: Eyi ne Awurade asɛm a ɛfa Israel ho. Awurade a ɔtrɛw ɔsoro mu, nea ɔto asase fapem, nea ɔyɛ honhom a ɔte onipa mu asɛm ni:

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 AWURADE atemmusɛm a ɛfa Israel ho, AWURADE a ɔtrɛ ɔsoro mu na ɔto asase fapem na ɔnwono onipa honhom wɔ ne mu no asɛm nie:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nkɔmhyɛ: Yei ne Awurade asɛm a ɛfa Israel ho. Awurade a ɔtrɛ ɔsoro mu, deɛ ɔto asase fapem, deɛ ɔyɛ honhom a ɔte onipa mu asɛm nie:

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Awurade atemmusɛm a ɛfa Israel ho, Awurade a ɔtrɛw ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase na ɔnwenee onipa honhom wɔ ne mu no asɛm ni:

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 12:1
36 Referencias Cruzadas  

Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni, nea ɔbɔɔ ɔsoro trɛw mu, na ɔterɛw asase ne ne mfifii mu, na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfo, na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam so no.


Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase de ne nyansa ma wiase tim hɔ, na ɔde ne nhumu de ɔsoro trɛw hɔ.


Na merenham nkosi daa, na me bo renhuru daa, na anka honhom bɛtɔ beraw, m’anim, ne akra a me ara na meyɛe.


Bio, yɛwɔ yɛn honam fam agyanom sɛ asotwefo na yɛfɛree wɔn. Adɛn nti na yɛmmfa yɛn ho nhyɛ ahonhom Agya no ase nkyɛn saa pii mmom, na yɛatena ase?


Nso me nsa na ɛhyɛɛ asase ase, na me nifa de ɔsoro trɛw hɔ; sɛ mefrɛ wɔn a, wobegyinagyina hɔ.


Sɛnea AWURADE, wo dimafo ne nea ɔnwenee wo fii yafunu mu no se ni: Me, AWURADE, mene nea ɔyɛ ade nyinaa, nea ɔtwe ɔsoro mu no, me nko ara, nea ɔtrɛw asase mu no, na obi nka me ho;


na dɔte asan akɔ asase mu sɛ ɛte kan no, na honhom asan akɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.


Na wɔde wɔn anim butubutuw fam kae sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! So ɔbarima biako bɛyɛ bɔne na wo bo ahuru asafo mu no nyinaa?


Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.


Hwɛ, akra nyinaa wɔ me; sɛ agya kra wɔ me no, sɛ ɔba kra wɔ me ara ne no; ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.


Na ɔhene Sedekia kaa Yeremia ntam kokoam sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ ɔkra yi maa yɛn no te ase yi, merenkum wo, na meremfa wo menhyɛ mmarima a wɔhwehwɛ wo akum wo no nsa!


Ɛno nti wɔn a wɔtetew wo nyinaa, wɔbɛtetew wɔn, na wɔn a wohiahia wo ho nyinaa, wɔn nyinaa bɛkɔ nnommum mu, na wɔn a wotwa wo dwow no, wobetwa wɔn dwow, na wɔn a wɔfow wo nyinaa, mɛma wɔafow wɔn.


Ɔno na ɔtrɛw ɔsoro a ebiri no mu ahunmu, na ɔde asase sɛn nea biribi nni.


Onyankopɔn na ɔde ne tumi yɛɛ asase, de ne nyansa maa wiase tim hɔ, na ɔde ne nhumu trɛw ɔsoro mu.


Na wo werɛ afi AWURADE a ɔyɛɛ wo na ɔtrɛw ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase no, na wo ho popo daa yi daa nyinaa, ɔhoguanfo abufuw nti, sɛnea ɔresiesie ne ho abɛsɛe biribi, na ɛhe na ɔhoguanfo abufuw no wɔ?


Na sɛ AWURADE se ni: Nea ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no, ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔbɔɔ asase na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntena so, Mene AWURADE, na obi nni hɔ bio.


Me na mebɔɔ asase, na mebɔɔ ɛso nnipa wɔ so; me na me nsa trɛw ɔsoro mu, na mehyɛ mu asafo nyinaa.


Ɔno na ɔte asase kontonkron so, na ɛsotefo te sɛ mmoadabi. Ɔno na ɔtrɛw soro mu sɛ twamtam, na ɔyere mu sɛ ntamadan a wɔtena mu.


Hena na ɔde ne nsayam asusuw nsu, na ɔto ɔsoro nsaama, na ɔde susukora hyɛ asase so mfutuma, na ɔkari mmepɔw nsenia mu ne nkoko nsenia nkora mu?


Wufura hann sɛ ntama, wotrɛw ɔsoro mu sɛ ntamadan tam,


Awurade atemmusɛm a ɔnam Malaki so de brɛɛ Israel ni.


Eyi ne Awurade asɛm. Awurade atemmusɛm wɔ Hadrak asase so, ne Damasko ne n’asoɛe; na sɛnea Israel mmusuakuw yɛ Awurade de no, saa ara na Aram ne ne nkuropɔn nso yɛ ne de.


Na mɛtɔ wɔn mogya so were, nea mentɔe no, na AWURADE bɛtena Sion ara.


Misraim bɛdan amamfo, na Edom adan nkyerekyerewa afo, esiane Yuda mma so atirimmɔden no nti, efisɛ wɔahwie mogya a edi bem agu wɔn asase so.


Atoro ne nnaadaa anisoade na w’adiyifo hu kyerɛɛ wo, na wɔanyi w’amumɔyɛ no so sɛ wɔde wo nnommum bɛsan aba; na atoro ne nsɛm a ɛma wofom na wohu kyerɛɛ wo.


Wɔn gyefo no nso ho yɛ den, asafo AWURADE ne ne din; odi na ɔne wɔn ho asɛmpɛfo no bedi, sɛnea ɛbɛyɛ na wama asase no ahome, na wahyɛ Babelfo ahometew.


Na wo de nsuro, m’akoa Yakob, AWURADE asɛm ni, na mma wo bo nntu, Israel, na hwɛ, meregye wo afi akyirikyiri, na magye w’asefo afi wɔn nnommumfa asase so; na Yakob bɛsan aba abɛhome atena ase dwoodwoo a obi renyi no hu.


So wo ne no na ɛde wim tɔnn a ɛwɔ hɔ pintinn sɛ ahwehwɛ a wɔagu no trɛw hɔ?


Na Onyankopɔn frɛɛ ntrɛw mu no ɔsoro. Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so abien nen.


AWURADE a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no mfi Sion nhyira wo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios