Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 11:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Nguanhwɛfo adwotwa gyigye, na wɔn anuonyam asɛe; agyataforo mmobom gyigye, na Yordan ahohyehyɛde asɛe.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Nnwanhwɛfoɔ adwotwa gyegye, na wɔn animuonyam asɛe; agyataburuwa mmobomu gyegye, na Yordan ahohyehyɛdeɛ asɛe.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Tie nguanhwɛfo agyaadwo; wɔasɛe wɔn adidibea frɔmfrɔm no! Tie gyata no mmubomu; Yordan ho nkyɛkyerɛ fɛɛfɛ no asɛe!

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Nnwanhwɛfoɔ adwotwa gyegye, na wɔn animuonyam asɛe; agyataburuwa mmobomu gyegye, na Yordan ahohyehyɛdeɛ asɛe.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Tie nnwanhwɛfoɔ agyaadwoɔ; wɔasɛe wɔn adidibea frɔmfrɔm no! Tie agyata no mmobom; Yordan ho nkyɛkyerɛ fɛfɛ no asɛe!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Nguanhwɛfo adwotwa gyigye, na wɔn anuonyam asɛe; agyataforo mmobom gyigye, na Yordan ahohyehyɛde asɛe.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 11:3
34 Referencias Cruzadas  

Gye me fi gyata anom, na ɛko mmɛn mu na wutie me.


wɔn mmobom te sɛ gyata de, na wɔbobom sɛ agyataforo, wɔpa so kyere wɔn hanam kɔ a ogyefo bi nni hɔ.


Na mubegyaw mo din de ayɛ ntanka ama wɔn a mapaw wɔn, na AWURADE Nyankopɔn bekum wo, na wato ne nkoa din foforo,


Gyataforo bobom na wɔpo so wɔ no so; na wɔayɛ n’asase amamfo, wɔahyehyew ne nkurow, na obi nte mu.


Teta ara kwa na mebobɔɔ mo mma ade; wɔannye nteɛso. Mo afoa akunkum mo adiyifo sɛ gyata a ɔsɛe ade.


ɛno de mɛyɛ ofi yi sɛ Silo, na mede kurow yi mɛyɛ nnome mama asase so amanaman nyinaa.


Hwɛ, ɔforo sɛ gyata fi Yordan kwae no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔde aguan afi hɔ afrɛso; na nea wɔayi no no, ɔno na mede no mesi so. Na hena na ɔte sɛ me? Na hena na obehyia me? Na hena ne oguanhwɛfo a obetumi agyina m’anim?


Hwɛ, ɔforo sɛ gyata a ofi Yordan kwae no mu reba ne daa afe aduan so, na mɛma waguan afi hɔ afrɛso, na nea wɔayi no no, ɔno na mede no mesi so. Na hena na ɔte sɛ me? Na hena na obehyia me? Na hena ne oguanhwɛfo a obetumi agyina m’anim?


Mommfa mo ho nnto atosɛm so se: AWURADE asɔrefi, AWURADE asɔrefi, AWURADE asɔrefi ni!


na ka sɛ: Ɛdɛn na wo na, gyatabere no butuw agyatanini ntam yɛn ne mma gyataforo mu?


Bet-awen nantwi mma nti na Samariafo besuro; na ne man di ne ho nkɔmmɔ, na n’asɔfo ho popo n’anuonyam ho, sɛ wɔatu afi wɔn mu kɔ.


Asɔfo, mommɔ mo ho so na mommɔ bena, afɔremuka asomfo, muntwa adwo, me Nyankopɔn asomfo, mommra mmɛda ayitam mu anadwo nyinaa. Na aduan ayɛyɛde ne ahwiesa agyae mo Nyankopɔn fi ba.


So eyi nti asase renwosow na ɛsofo nyinaa renni nkɔmmɔ anaa? Na asase mu nyinaa bepuduw sɛ Nil, na wɔbɛfono no na atwe sɛ Misraim asu no.


Na ɛda no, Awurade asɛm ni, osu nne befi Mpataa Pon no ano, na adwotwa afi ɔfa a ɛto so abien no mu, na ɔsɛe kɛse afi nkoko no so aba.


Ɛda no w’ani renwu wo nneyɛe a wode too me mmara no nyinaa ho bio, na emu na meyi wɔn a wodi ahantan mu ahurusi no afi wo mu, na worenkɔ so nkyerɛ wo ho, me bepɔw kronkron no so.


Emu mmapɔmma yɛ agyata a wɔbobom, n’atemmufo nso yɛ anadwofa mpataku, wonnyaw biribi nkosi anɔpa.


Ɔpopaw, twa adwo, na kyeneduru ahwe fam, efisɛ anuonyamfo asɛe; Basan adum, muntwa adwo, na kwae a ɛkorɔn abrɛ ase.


Na mitwaa nguanhwɛfo no mu baasa kyenee ɔsram biako mu. Na wɔn ho yɛɛ me kra ahometew, na me ho nso yɛɛ wɔn kra nwini.


Munnyaa wɔn, wɔyɛ anifuraefo a wɔkyerɛ anifuraefo kwan; na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu.


Adiyifo no mu hena na mo agyanom antaa no? Na wokum wɔn a wɔkaa Ɔtreneeni no ba no ho asɛm kan no; ɔno na afei moayi no ama akum no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios