Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 10:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Mɛbɔ hwirema mafrɛ wɔn na maboa wɔn ano; na magye wɔn, na wɔbɛdɔ pii sɛ kan no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Mɛbɔ hwerɛma mafrɛ wɔn na maboa wɔn ano; na magye wɔn, na wɔbɛdɔ sɛdeɛ wɔdɔreeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Mɛto nsa afrɛ wɔn aboaboa wɔn ano. Ampa ara megye wɔn bio; wɔbɛdɔɔso sɛ kan no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Mɛbɔ hwerɛma mafrɛ wɔn na maboa wɔn ano; na magye wɔn, na wɔbɛdɔ sɛdeɛ wɔdɔreeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Meto nsa afrɛ wɔn aboaboa wɔn ano. Ampa ara megye wɔn bio; wɔbɛdɔɔso sɛ kane no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Mɛbɔ hwirema mafrɛ wɔn na maboa wɔn ano; na magye wɔn, na wɔbɛdɔ pii sɛ kan no.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 10:8
25 Referencias Cruzadas  

Na obesi frankaa ama amanaman a ɛwɔ akyirikyiri, na wabɔ hwirema afrɛ ɔman bi afi asase ano, na hwɛ wɔreba ɔhare so, ntɛm so.


Na ɛda no, AWURADE bɛbɔ hwirema afrɛ nwansena a ɔwɔ Misraim asuasu awiei no, ne ɔdowa a ɔwɔ Asaria asase so no,


Sɛnea wontumi nkan ɔsoro asafo na wontumi nsusuw mpoano anwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefo ne Lewifo a wɔyɛ m’asomfo no adɔ.


Nanso Israel mma dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea a wonsusuw na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Onyankopɔn teasefo mma.


Na honhom no ne ayeforo no se: Bra! Na nea otie no nka sɛ: Bra! Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.


Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.


Wo nso, w’apam mogya no nti meyi wo nneduafo afi amoa a nsu nni mu mu.


Na wɔn a AWURADE agye wɔn no bɛsan, na wɔde ahurusi aba Sion, na daa anigye bɛtena wɔn atifi; ahosɛpɛw ne anigye bɛka wɔn nsa, na awerɛhow ne apinisi aguan.


Mapopa wo mmarato sɛ omununkum, ne wo bɔne sɛ suwusiw. San bra me nkyɛn, na magye wo.


Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano nwea dodow, wodidi na wɔnom, na wɔn ani gye.


Na Israel mma no wowoe, na wɔdɔe pii pa ara, na wɔn ase fɛee, na wɔn ho yɛɛ den papaapa; na wɔyɛɛ asase no so ma.


Eyinom akyi no mihui, na hwɛ, nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmuasuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no gyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wokurakura berɛw,


na wɔn nyinaa aba abesisi abon a esian kuronkuron ne abotan mpaepae mu ne nsɔe nyinaa so ne sare nyinaa so.


Mumfi Babel, munguan mfi Kaldeafo mu; momfa ahurusi nne nka eyi, monteɛm mma wɔnte, momma emfi nkodu asase ano. Monka sɛ: AWURADE agye n’akoa Yakob.


Ɔboa na mɛboa mo nyinaa ano, O Yakob, hyia na mehyia Israel nkae; mɛka wɔn mabom sɛ nguan a wɔwɔ nguanban mu, sɛ mmoakuw wɔ wɔn didibea, nnipa dodow nti, wɔbɛyɛ hoo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios