Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 10:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na mɛhyɛ Yuda fi baninha, na magye Yosef fi nkwa, na mama wɔatena ase; na me yam ahyehye me ama wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ minsum wɔn mingui ɛ, na mene Awurade wɔn Nyankopɔn, na megye wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na mɛhyɛ Yuda fie aboɔduro, na magye Yosef fie nkwa, na mama wɔatena ase; na me yam ahyehye me ama wɔn, na wɔbɛyɛ sɛdeɛ mensumm wɔn nguiɛ, na mene AWURADE wɔn Nyankopɔn, na mɛgye wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “Mɛhyɛ Yudafi den na magye Yosefi no nkwa. Mede wɔn besi wɔn dedaw mu efisɛ me yam hyehye me wɔ wɔn ho. Wɔbɛyɛ te sɛ nea mempoo wɔn mpo, na mene Awurade wɔn Nyankopɔn, na megye wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na mɛhyɛ Yuda fie aboɔduro, na magye Yosef fie nkwa, na mama wɔatena ase; na me yam ahyehye me ama wɔn, na wɔbɛyɛ sɛdeɛ mensumm wɔn nguiɛ, na mene AWURADE wɔn Nyankopɔn, na mɛgye wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “Mɛhyɛ Yuda fie den na magye Yosef fie no nkwa. Mede wɔn bɛsi wɔn dada mu ɛfiri sɛ me yam hyehye me wɔ wɔn ho. Wɔbɛyɛ te sɛ deɛ mempoo wɔn mpo, na me ne Awurade wɔn Onyankopɔn na mɛgye wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na mɛhyɛ Yuda fi baninha, na magye Yosef fi nkwa, na mama wɔatena ase; na me yam ahyehye me ama wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ minsum wɔn mingui ɛ, na mene Awurade wɔn Nyankopɔn, na megye wɔn so.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 10:6
39 Referencias Cruzadas  

Ɔno na me nsa bɛma watim, na me basa nso ahyɛ no den.


Na wama amanaman no nsɛnkyerɛnne, na wapɔn Israel asesafo aboa ano, na wama Yuda nnipa a wɔapete no afi wiase afanan so abehyia.


Na AWURADE yam bɛhyehye no Yakob ho, na wapaw Israel bio, na ɔde wɔn adua wɔn asase so, na ananafo de wɔn ho afam wɔn ho, na wɔabata Yakob fi ho.


Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, nso mɛboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.


Nsuro, na w’ani renwu, nsi wo ti ase, na w’anim renkisa, na wo werɛ befi wo mmabaabere mu aniwu, na wo kunayɛ ahohora no, worenkae bio.


Abufuw mmoroso mu na mede m’ani mihintaw wo kakraa bi, nanso mede daa adɔe mehu wo mmɔbɔ, wo dimafo AWURADE na ose.


Ne bere so na wobegye Yuda nkwa, na Israel atena ase dwoodwoo, na eyi ne ne din a wɔde bɛfrɛ no: AWURADE yɛn trenee.


Nna no mu na Yuda fi ne Israel fi bɛbom anantew, na wɔafi atifi fam asase so aba asase a mede memaa wɔn agyanom dii so no so.


Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede Yakob ntamadan mu nnommum meresan aba, na me yam ahyehye me ne tenabea ho; na wɔbɛkyekyere kurow no ne dabere, na aban afɛfɛ nso besi nea ɛsɛ.


Na ne mma bɛyɛ sɛ kan no, na n’asafo no agyina m’anim pintinn, na mɛba mabɛtwe wɔn a wɔhaw no nyinaa aso.


Ɛbere no mu na mɛyɛ Israel mmusua nyinaa Onyankopɔn, AWURADE asɛm ni, na wɔn nso ayɛ me ɔman.


So Efraim yɛ me dɔ ba? Anaa abotɔyam ba? Dodow ara a mekasa mekyerɛ no yi, nkae ara na meda so mekae no? Ɛno nti na me nsono mu twitwa me, ɔno ho, enti me yam hyehye me ma no, AWURADE asɛm ni.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ me ne Israel fi ne Yuda fi bɛpam apam foforo.


Na mɛma nnipa ne afieboa adɔɔso mo so, na wɔadɔ awowo bebree, na mama wɔatena mo so sɛ mo kan bere no, na mayɛ mo yiye asen mo mfiase, na moahu sɛ mene AWURADE.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Eyi bio na Israel fi bebisa me hɔ na mɛyɛ mama wɔn, mɛma wɔadɔɔso ayɛ nnipa pii, sɛ nguankuw;


Na wo, onipa ba, fa dua biako fa, na kyerɛw so sɛ: Yuda ne Israelfo a wɔka ne ho no de; na fa dua biako nso, na kyerɛw so sɛ: Yosef a ɔne Efraim, ne Israel fi a wɔka ne ho no nyinaa dua.


Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Afei mede Yakob nnommum no mɛsan maba, na mahu Israel fi nyinaa mmɔbɔ, na matwe me din kronkron no ho ninkunu,


Na Yuda mma ne Israel mma bɛbom ahyia, na wɔasi ti biako afa, na wɔaforo afi asase no so aba; na Yesreel da no bɛyɛ da kɛse.


Na Yuda fi na mehu wɔn mmɔbɔ, na magye wɔn nkwa, AWURADE wɔn Nyankopɔn mu, nanso meremfa ɔta ne nkrante ne akodi ne apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefo so minnye wɔn.


Hena ne onyansafo a obehu eyinom mu, nhumufo a obehu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na atreneefo bɛnantew so, na mmaratofo de, wɔbɛhwehwe so ase.


Na medua no mafa, asase so, na mehu nea wonhuu no mmɔbɔ no mmɔbɔ, na mɛka makyerɛ nea ɔnyɛ me man no sɛ: Me man ne wo! Na ɔno nso aka akyerɛ me sɛ: Me Nyankopɔn!


Na Yakob fi bɛyɛ ogya, na Yosef fi ayɛ ogyaframa, na Esau fi ayɛ sakran, na wɔadɛw wɔn mu ahyew wɔn a obiara renka mma Esau fi, efisɛ AWURADE na waka.


Sɔre, porow, O Sion babea, na mɛyɛ wo dade mmɛn, na mayɛ wo ntɔte kɔbere, na wode adwerɛw aman pii dukuduku, na mehyira wɔn ahonyade so mama AWURADE, ne wɔn ade dodow so mama asase nyinaa wura no.


Ɛda no, AWURADE asɛm ni, mɛboa asiifo no ano, na wɔn a wɔapam wɔn no, mɛma wɔaba, ne wɔn a me ne wɔn adi no bɔne no.


Enti ɔde wɔn bɛma akosi bere a ɔwofo bi bɛwo, na ne nuanom nkae bɛsan ne Israel mma nso aba.


Na Yakob nkae no bɛyɛ sɛ gyata wɔ kwae mu mmoa mu amanaman bebree a atwa ahyia no mu, sɛ gyataforo wɔ nguankuw no mu sɛ ɔsen ba a otiatia so, na ɔtetew mu a ogyefo bi nni hɔ.


Amanaman behu, na wɔn ani awuwu wɔn mmaninne nyinaa ho; wɔde wɔn nsa betuatua wɔn ano, na wɔn aso nso besisiw;


Enti sɛ Awurade se ni: Mede ayamhyehye madan m’ani makyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wobesi me fi nso, asafo Awurade asɛm ni, na wɔbɛtwe susuhama mu Yerusalem so.


Na mɛhyɛ wɔn den, Awurade mu, na ne din mu na wɔbɛnantew, Awurade asɛm ni.


Na mede nkyɛmu a ɛto so abiɛsa no mɛfa ogya mu, na manan wɔn sɛ wɔnan dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛ woyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mebua wɔn; mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: Awurade me Nyankopɔn!


Na afei mente sɛ kan nna no memma ɔman yi nkae, asafo AWURADE asɛm ni.


Na Awurade wɔn Nyankopɔn begye wɔn nkwa ɛda no sɛ ne man nguankuw, efisɛ wɔbɛyɛ abotiri abo a ɛhyerɛn n’asase no so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios