Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 10:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na wɔbɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wotiatia mmorɔn so dɔte so ɔko mu, na wobedi ako; efisɛ Awurade ne wɔn wɔ hɔ, na apɔnkɔsotefo anim begu ase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na wɔbɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wɔtiatia mmorɔno so dɔteɛ soɔ ɔko mu, na wɔbɛdi ako; ɛfiri sɛ AWURADE ne wɔn na ɛwɔ hɔ, na apɔnkɔsotefoɔ anim bɛgu ase.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔbɛbɔ mu ayɛ sɛ dɔmmarima a wotiatia mmorɔn so dontori mu wɔ ɔko mu. Esiane sɛ Awurade ka wɔn ho no nti, wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefo no so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na wɔbɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wɔtiatia mmorɔno so dɔteɛ soɔ ɔko mu, na wɔbɛdi ako; ɛfiri sɛ AWURADE ne wɔn na ɛwɔ hɔ, na apɔnkɔsotefoɔ anim bɛgu ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔbɛbɔ mu ayɛ sɛ nnɔmmarima a wɔtiatia mmorɔno so atakyɛ mu wɔ ɔko mu. Esiane sɛ Awurade ka wɔn ho no enti, wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefoɔ no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na wɔbɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wotiatia mmorɔn so dɔte so ɔko mu, na wobedi ako; efisɛ Awurade ne wɔn wɔ hɔ, na apɔnkɔsotefo anim begu ase.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 10:5
40 Referencias Cruzadas  

na mebutuw ahenni nhengua, na masɛe amanaman ahenni ahoɔden, na mebutuw nteaseɛnam ne emutefo, na apɔnkɔ ne wɔn sotefo ahwehwe ase, na obi atɔ ne nua afoa ano.


Ɛda no, Awurade bɛwowaw Yerusalemfo, na wɔn mu nea wahodwow ɛda no bɛyɛ sɛ Dawid, na Dawid fi bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ Awurade bɔfo a odi wɔn anim.


Na makom Yuda sɛ ɔta mafa, mede Efraim mahyɛ mu, na makanyan wo mmabanin, Sion, mahyɛ wo mmabanin, Hela, na mede wo mayɛ sɛ dɔmmarima afoa.


Ebinom kamfo nteaseɛnam, na ebinom kamfo apɔnkɔ, na yɛn de, yɛkamfo AWURADE yɛn Nyankopɔn din.


Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no, maso mu masie.


efisɛ yɛn sa a yetu no akode nyɛ ɔhonam mu de, na mmom ɛyɛ den Onyankopɔn anim sɛ yɛde bedwiriw aban akɛse, na yɛadwiriw adwene


Na wɔkyerɛɛ Mose Misraimfo nyansa nyinaa, na ɔyɛɛ den wɔ ne nsɛm ne nneyɛe mu.


Na obisaa wɔn sɛ: Nsɛm bɛn? Na wosee no sɛ: Nea ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifo a ɔwɔ tumi, nneyɛe ne ɔkasa mu, Onyankopɔn ne ɔman nyinaa anim no ho,


Na ɔsɔhwɛfo no baa ne nkyɛn besee no sɛ: Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na abo yi nnan abodoo.


Na ɛda no, AWURADE hooyɛ bebree bɛba wɔn mu, na wɔn nyinaa asuso wɔn ho nsam, na obiako ama ne nsa so ahyɛ ne yɔnko nsa.


Na AWURADE befi adi ne amanaman no abɛko, sɛ ne koda no.


Ɛda no, Awurade asɛm ni, mede ahodwiriw mɛbobɔ apɔnkɔ nyinaa, na mede adammɔ mabɔ wɔn sotefo; na mebue m’aniwa Yuda fi so, na aman no apɔnkɔ nyinaa, mede anifurae mɛbobɔ wɔn.


Na me tamfo behu, na aniwu abɛkata no so, ɔno a ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛhe na wo Nyankopɔn no wɔ no? Mede m’ani mɛhwɛ no, afei wobetiatia no so sɛ mmorɔn so dɔte.


Na ɔtakurafo rennyina, na nea ne nan yɛ hare remfi mu, na ɔpɔnkɔsotefo rennye ne ho nkwa.


na wubefi wo tenabea benkum fam ano noho tɔnn aba, wo ne aman bebree a wɔka wo ho a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so, asafo kɛse ne dɔm a ɛso,


Wobɛhwehwɛ wɔn a wɔne wo ham no nanso worenhu wɔn; na wɔn a wɔne wo adi ako no bɛyɛ sɛ wɔnyɛ hwee, na wɔasa.


Na AWURADE nsa besi bepɔw yi so; na wobetiatia Moab so n’afa, sɛ wotiatia nwura dodow so wɔ sumina so;


Ɔman nkɔnkɔnsafo mu na mɛsoma no makɔ, na m’abufuw man no so na mɛhyɛ no sɛ ɔnkɔ nkɔfa asade na ɔnkɔfow, na ontiatia wɔn so sɛ mmorɔn so dɔte.


Aman, monyɛ hoo, na monnwerɛw ara, asase a ɛwɔ akyirikyiri sofo nyinaa, monyɛ aso, mummia na monnwerɛw, mummia na monnwerɛw.


Otumfo, fa w’afoa bɔ w’asen, fa w’anuonyam ne w’ahensɛm bɔ wo ho so.


Ɔhene biara mfa dɔm dodow nni nkonim, ɔkofo mfa n’ahoɔden kɛse nnye ne ho.


Na mepɛtɛw wɔn meyɛɛ wɔn sɛ mfuturu, mframa anim, mesesaw wɔn migui sɛ mmorɔn so dɔte.


Na mepɛtɛw wɔn pasaa sɛ fam mfutuma, mitiatiaa wɔn so mewɔw wɔn sɛ mmorɔn so dɔte.


Ɛnna asase hinhimii, na ɛwosowee, ɔsoro nnyinaso nso popoe, na ehinhimii, efisɛ ne bo ahuru.


Na mmerante no mu biako buae sɛ: Hwɛ, mahu Betlehemni Yese ba bi a onim bɔ, ɔyɛ ɔbarima a otumi, na ɔyɛ ɔkofoni, na onim kasa nso, ne ho nso yɛ fɛ, na AWURADE di n’akyi.


Na ahene yi nyinaa ne wɔn asase no Yosua fae prɛko, efisɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, ko maa Israel.


Na ɛda bi mmae da sɛ ɛno nea aba pɛn, anaa nea ɛbɛba a AWURADE atie onipa nne, efisɛ AWURADE ko maa Israel.


Sɛ wutu sa ne w’atamfo akɔko na wuhu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne ɔman a wɔdɔɔso sen wo a, nsuro wɔn, efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn a ɔde wo fi Misraim asase so bae no ka wo ho.


Na mihuu ɔbɔfo bi a ogyina owia mu. Na ɔde nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ nnomaa a wotu wim nyinaa sɛ: Mommra mmehyia Onyankopɔn adidi kɛse no ase


Na Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no, na amanaman nyinaa ate; na woyii me gyata anom.


Na Yudani bi a ne din de Apolo a wɔwoo no Aleksandria, onipa a n’ano atew na ɔyɛ den kyerɛw nsɛm no mu, baa Efeso.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.


Wo so na yɛnam sum yɛn ahohiafo gu, wo din mu na yetiatia wɔn a wɔsɔre hyɛ yɛn no so.


Mahwanyan obi afi atifi fam ma waba, awiapuebea na obefi abɔ me din; na ɔbɛba amradofo so sɛ anwemmo so, na ɔte sɛ ɔnwemfo a ɔwɔw dɔte.


Na Yakob nkae no bɛyɛ sɛ gyata wɔ kwae mu mmoa mu amanaman bebree a atwa ahyia no mu, sɛ gyataforo wɔ nguankuw no mu sɛ ɔsen ba a otiatia so, na ɔtetew mu a ogyefo bi nni hɔ.


Na ɔkae sɛ: Montow no nhwe fam! Ɛnna wɔtow no hwee fam, na ne mogya bi petee ɔfasu ho ne apɔnkɔ no ho, na ɔde ne teaseɛnam faa no so.


Wonnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, na wɔn ani da apɔnkɔ so, na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam so sɛ ɛdɔɔso, ne apɔnkɔsotefo so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti, na wɔn ani nna Israel kronkronni no so, na AWURADE akyi kwan nso, wɔnhwehwɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios