Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 10:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Ɔno mu na twea bo ne mmofunnua ne akodi ta befi aba, ɔno mu na ahawfo nyinaa bɛbom afi aba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Ɔno mu na ntweaso tiboɔ ne mpɛɛwa ne akodie tadua bɛfiri aba, ɔno mu na ahafoɔ nyinaa bɛbom afiri aba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Tweatibo befi Yuda mu, na ntamadan pɛe befi ne mu, ɔsa mu tadua befi Yuda mu, na sodifo nyinaa nso saa ara.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Ɔno mu na ntweaso tiboɔ ne mpɛɛwa ne akodie tadua bɛfiri aba, ɔno mu na ahafoɔ nyinaa bɛbom afiri aba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Tweatiboɔ bɛfiri Yuda mu, na ntomadan pɛɛwa bɛfiri hɔ, ɔsa mu tadua bɛfiri Yuda mu, na sodifoɔ nyinaa nso saa ara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Ɔno mu na twea bo ne mmofunnua ne akodi ta befi aba, ɔno mu na ahawfo nyinaa bɛbom afi aba.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 10:4
29 Referencias Cruzadas  

Na metwitwa nteaseɛnam afi Efraim, ne apɔnkɔ nso afi Yerusalem, na wɔatwa akodi ta nso; na ɔbɛka ɔmannwoesɛm akyerɛ amanaman, na n’ahenni befi ɛpo so akɔ ɛpo so, na afi asu ano akosi asase awiei.


Na mɛbɔ me fi ho nsra, afi n’atamfo ho ne nea otwam kɔ na ɔsan ba ho, na ɔhawfo bi antwam amfa wɔn mu bio; na afei m’ankasa bɛhwɛ wɔn so.


Mihu no, nso ɛnyɛ mprempren, mehwɛ no, nso ɔmmɛn: Nsoromma bepue Yakob mu, na ahempoma befi Israel mu asɔre, na wadwerɛw Moab afanan nyinaa na wabubu ɔko huuyɛ mma no nyinaa.


Eyinom ne Oguammaa no bɛko, na Oguammaa no bedi wɔn so nkonim, efisɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Hene, ɔne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔayi wɔn na wodi no nokware no.


Obi nkɔ ɔsa mfa daa asetena mu nsɛm mmarebare ne ho, na wasɔ ɔsahene ani.


Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!


Na me de, hwɛ, ɛnnɛ mede wo mayɛ kurow a ɛyɛ den ne dade dum ne kɔbere afasu matia asase no nyinaa, Yuda ahene, wɔn asafohene, wɔn asɔfo ne asase no so nkurɔfo.


Hwɛ, me na mebɔɔ ɔtomfo a ohuw gyabiriw mu, na ɔbɔ akode sɛ ne dwuma te, na me ara na mebɔɔ ɔsɛefo sɛ ɔnsɛe.


Na ɔyɛɛ m’ano sɛ afoa nnamnam, ne nsa ase nwini mu na ɔde me siei, na ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nam, ɔde me siee n’agyan kotoku mu.


Soan mmapɔmma adan nkwasea, na Memfis mmapɔmma nso ayera, na wɔn a wɔyɛ mmusuakuw no mu tweabo adaadaa Misraim.


Ɔbo a abantofo apa no abɛyɛ twea bo titiriw.


Na afei mprempren nko na wɔayi AWURADE yɛn Nyankopɔn hɔ dom akyerɛ yɛn ma wɔagyaw yɛn nkae a wɔafi mu, na wɔama yɛn bofunnua wɔ ne kronkronbea nso, sɛ yɛn Nyankopɔn bɛtew yɛn anim na wama yɛanya nkwa kakra, yɛn nkoayɛ mu.


Ɛnna Saul kae sɛ: Mo dɔm mu atitiriw nyinaa, muntwiw mmɛn ha, na monhwɛ nhu dekode a enti bɔne yi aba nnɛ.


Nanso na ne tadua kura no pintinn, na ne basa mu yɛɛ den. Efi Yakob tumfo no nsam, efi ɔhwɛfo a ɔyɛ Israel botan no mu.


Na ɔhwɛɛ wɔn anim kae sɛ: Na ɛdɛn na wɔakyerɛw sɛ: Ɔbo a abantofo apa no, ɛno na abɛyɛ tweaso tibo.


Wɔde mo asi asomafo ne adiyifo fapem a Kristo Yesu ankasa ne tweatibo titiriw no so.


Efisɛ ɛwɔ kyerɛw no mu sɛ: Hwɛ, mede tweaso tibo a wɔayi no na ne bo yɛ den mato Sion, na nea ogye no di no ani renwu.


Woyɛ me asae ne akode, na mede wo mebobɔ amanaman, na mede wo mesɛesɛe ahenni;


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede ɔbo bi atim Sion, ɔbo a wɔasɔ no ahwɛ, twea bo a ne bo yɛ den a etim hɔ tim pa ara, nea ogye di no renguan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios