Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 10:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na abusua honi no kaa ahuhusɛm, na nkɔmhyɛfo no huu atosɛm na wɔkaa dae hunu, wɔde ade huhuw kyekyee onipa werɛ. Ɛno nti ɔman no tu kɔe sɛ nguan, wɔrebrɛ, efisɛ ɔhwɛfo bi nni hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na abusua honi no kaa ahuhusɛm, na nkɔmhyɛfoɔ no hunuu atorosɛm na wɔyii daeɛ hunu, wɔde adehuhuo kyekyeree onipa werɛ. Ɛno nti ɔman no tu kɔɔ sɛ nnwan, wɔrebrɛ, ɛfiri sɛ ɔhwɛfoɔ biara nni hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ahoni no ka nnaadaasɛm, nkɔmhyɛfo nya anisoadehu a ɛyɛ atoro; wɔde nkontomposɛm kyerɛ dae ase, wɔma awerɛkyekye kwa. Enti nnipa no nenam te sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo na wɔhyɛ wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na abusua honi no kaa ahuhusɛm, na nkɔmhyɛfoɔ no hunuu atorosɛm na wɔyii daeɛ hunu, wɔde adehuhuo kyekyeree onipa werɛ. Ɛno nti ɔman no tu kɔɔ sɛ nnwan, wɔrebrɛ, ɛfiri sɛ ɔhwɛfoɔ biara nni hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ahoni no ka nnaadaasɛm, nkɔmhyɛfoɔ nya anisoadehunu a ɛyɛ atorɔ; wɔde nkontomposɛm kyerɛ daeɛ ase, wɔma awerɛkyekyerɛ kwa. Enti nnipa no nenam te sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ na wɔhyɛ wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na abusua honi no kaa ahuhusɛm, na nkɔmhyɛfo no huu atosɛm na wɔkaa dae hunu, wɔde ade huhuw kyekyee onipa werɛ. Ɛno nti ɔman no tu kɔe sɛ nguan, wɔrebrɛ, efisɛ ɔhwɛfo bi nni hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 10:2
44 Referencias Cruzadas  

Na ohuu nkurɔfo akuwakuw no, Wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔabrɛ, na na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.


Sɛ odwumfo sen ohoni a, ɛho mfaso ne dɛn? Ɛyɛ oguhoni ne atoro kyerɛkyerɛfo; efisɛ odwumfo yɛ ahoni mum a ɔde ne ho to n’ankasa n’adwinni a odi no so.


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wonni hene na wonni bapɔmma, na wonni afɔre na wonni ɔbosom dum, na wonni asɔfotade ne abusua ahoni.


Ɛnna wɔbɔɔ wɔn pansamee, efisɛ wonni ɔhwɛfo, na wɔdannan wuram mmoa nyinaa aduan, na wɔbɔɔ wɔn petee koraa.


Enti munntie mo adiyifo ne mo nkɔmhyɛfo ne mo adae asekyerɛfo ne mo akɔmfo ne mo ntafowayifo a wɔka kyerɛ mo sɛ morensom Babel hene no,


Na Laban kɔe sɛ, ɔrekotwitwa ne nguan ho nwi. Na Rahel wiaa n'agya abusua honi.


Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, esiane sɛ me nguan adan afow ade, na me nguan adan wuram mmoa nyinaa aduan, sɛ wonni hwɛfo nti, na me nguanhwɛfo mmisaa me nguan akyi kwan, na mmom nguanhwɛfo no yɛn wɔn ho, na me nguan no de, wɔanhwɛ wɔn nti,


Ɔboa na mɛboa mo nyinaa ano, O Yakob, hyia na mehyia Israel nkae; mɛka wɔn mabom sɛ nguan a wɔwɔ nguanban mu, sɛ mmoakuw wɔ wɔn didibea, nnipa dodow nti, wɔbɛyɛ hoo.


Ɛbere a wohu ade huhuw ma wo na wɔrehyɛ wo nkɔntoro no, wɔde wo bɛto abɔnefo atɔfo a wɔn da adu, awiei amumɔyɛ bere mu no kɔn ho.


Na Babel hene gyina ɔtempɔn nkwanta so, akwan abien no ti, sɛ wɔnhyɛ nkɔm mma no; ɔwosow agyan bisa abusua honi adehwɛ mmerɛbo mu.


Atoro ne nnaadaa anisoade na w’adiyifo hu kyerɛɛ wo, na wɔanyi w’amumɔyɛ no so sɛ wɔde wo nnommum bɛsan aba; na atoro ne nsɛm a ɛma wofom na wohu kyerɛɛ wo.


na mede wo mebobɔ oguanhwɛfo ne ne nguankuw, na mede wo mebobɔ okuafo ne n’anantwi mpamho, na mede wo mebobɔ amradofo ne ɔman mpanyimfo.


Israel yɛ oguanten a wayera a agyata apam no kɔ; kan no, Asaria hene na ɔtetew no, na akyiri yi, ne nnompe po, Babel hene Nebukadnesar abubu mu.


Na ɛhe fa na mo adiyifo a wɔhyɛɛ mo nkɔm sɛ: Babel hene remma mo so ne asase yi so, no wɔ?


Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Mommma mo adiyifo a wɔwɔ mo mu no ne mo nkɔmhyɛfo no nnsisi mo, na munntie mo adae a mososo no,


Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania sɛ: Hanania, tie ɛ, AWURADE nsomaa wo ɛ, na wo na woama ɔman yi de wɔn ho ato atoro so.


Wɔka kyerɛ wɔn a wɔpa me no sɛ: AWURADE se: Asomdwoe bɛba ama mo. Na obiara nantew ne koma denyɛ mu a, wose: Bɔne bi remma mo so.


So amanaman ahuhude no mu bi wɔ hɔ a wɔma osu tɔ? Anaasɛ ɔsoro betumi ama obosu apete? So ɛnyɛ wo, AWURADE, yɛn Nyankopɔn? Wo na yɛhwɛ wo kwan ara, efisɛ wo ara na woayɛ eyinom nyinaa.


Na mise: Aa AWURADE, hwɛ, adiyifo no ka kyerɛ wɔn sɛ: Morenhu afoa, na ɔkɔm remma mo so, na nokware asomdwoe na mede mɛma mo ɛha yi.


Na wɔn nyinaa yɛ agyimifo ne nkwaseafo; ahoni kasakyerɛ! Enye mma hwee, ɛyɛ dua!


Na wɔsaa me man babea kuru adwenhare so sɛ: Asomdwoe, asomdwoe! Nso asomdwoe nni hɔ.


Na wɔsa me man kuru adwenhare so ka sɛ: Asomdwoe, asomdwoe! Nso asomdwoe nni hɔ.


Hena na mode me bɛto ne ho na mode me agyina ne ho, na mode no besusuw me, na yɛasɛ?


Ahonidwumfo nyinaa yɛ ɔkwa, na nea wɔn ani gye ho no ho nni mfaso; wɔn ara adansefo nhu ade na wonnim ade, enti wɔn ani bewu.


Na adɛn na mokyekye me werɛ kwa, na mo mmuae yɛ nkontompo ara yi?


Na mo de, moyɛ atorofo, ayaresafo ahuhufo ne mo nyinaa.


Na ose: Mahu Israel nyinaa sɛ wɔapete mmepɔw so sɛ nguan a wonni hwɛfo, na AWURADE se: Eyinom nni wura, ma wɔnsan nkokɔ wɔn afi asomdwoe mu.


Ɛnna mmarima baanum a wɔkɔsraa asase no bua see wɔn nuanom no sɛ: So munim sɛ asɔfotade ne abusua ahoni a wɔasen ne agude wɔ adan yi mu? Na afei monhwɛ nea mobɛyɛ.


a obedi wɔn anim afi adi na obedi wɔn anim aba mu, nea ɔde wɔn befi adi na ɔde wɔn aba mu, na AWURADE asafo no anyɛ sɛ nguan a wonni hwɛfo.


Na Yesu sii fam no, ohuu nkurɔfokuw pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo; na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.


Hwɛ, me ne adiyifo a wɔsoso atoro adae no anya, AWURADE asɛm ni; wɔn de, wɔkeka adae no, na wɔde wɔn atosɛm ne wɔn adwenharesɛm daadaa me man no, nanso mensomaa wɔn ɛ, na menhyɛɛ wɔn ɛ, na wɔn ho renyɛ ɔman yi mfaso biara, AWURADE asɛm ni.


O me nguanhwɛfo hunu a ogyaw nguankuw no nnue! Afoa bɛba ne basa so ne n’aniwa nifa so; ne basa bewu, na n’aniwa nifa afura.


na sɛnkyerɛnne anaa anwonwade a ɔka kyerɛɛ wo no ba mu na ɔka sɛ: Ma yɛnkɔ nkodi anyame foforo a wunnim wɔn akyi nkɔsom wɔn, a,


Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ ɔkwa, wɔn nneyɛe nyɛ hwee; wɔn gu ahoni yɛ mframa ne ahuhude.


nea ɔma adebisafo nsɛnkyerɛnne yɛ ɔkwa, na ɔma nkɔmhyɛfo bobɔ adam; nea ɔma anyansafo san nkyirinkyiri, na ɔdan wɔn nimdeɛ nkwaseasɛm;


na nkɔntoro na wɔhyɛ mo, nea ɛbɛyɛ na wɔayi mo afi mo asase so akɔ akyirikyiri, na masunsum mo na moayera.


Na munntie adiyifo a wose mo sɛ: Morensom Babel hene no, efisɛ nkɔntoro na wɔhyɛ mo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios