Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 10:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na mɛhyɛ wɔn den, Awurade mu, na ne din mu na wɔbɛnantew, Awurade asɛm ni.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na mɛhyɛ wɔn den, AWURADE mu, na ne din mu na wɔbɛnanteɛ, AWURADE asɛm nie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Mɛhyɛ wɔn den wɔ Awurade mu na ne din mu na wɔbɛnantew,” sɛnea Awurade se ni.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na mɛhyɛ wɔn den, AWURADE mu, na ne din mu na wɔbɛnanteɛ, AWURADE asɛm nie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Mɛhyɛ wɔn den wɔ Awurade mu na ne din mu na wɔbɛnante,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na mɛhyɛ wɔn den, Awurade mu, na ne din mu na wɔbɛnantew, Awurade asɛm ni.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 10:12
18 Referencias Cruzadas  

Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, nso mɛboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.


Na mɛhyɛ Yuda fi baninha, na magye Yosef fi nkwa, na mama wɔatena ase; na me yam ahyehye me ama wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ minsum wɔn mingui ɛ, na mene Awurade wɔn Nyankopɔn, na megye wɔn so.


O Yakob fi, mommra mma yɛnkɔ, na yɛnkɔnantew AWURADE hann no mu.


Afei wo, me ba, yɛ den adom a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu!


Na aman no mu biara nantew ne nyame din mu, na yɛn de, yɛbɛnantew AWURADE yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daadaa.


Na biribiara a moyɛ no asɛm mu anaa adwuma mu, monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa no so nna agya Onyankopɔn ase.


Enti sɛnea mugyee Awurade Kristo Yesu no, monnantew no mu saa ara,


mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.


Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, AWURADE mu nko na trenee ne ahoɔden wɔ; ne nkyɛn na wɔbɛba, na wɔn a wɔn bo ahuru no nyinaa ani bewu.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: AWURADE a menam n'anim no bɛsoma ne bɔfo aka wo ho, na wama wo kwan so ayɛ dwoodwoo, na woakɔware yere wɔ m'abusua mu ne m'agya fi abrɛ me ba.


Nea edi akyiri no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.


Na Yuda abusua bɛka wɔn koma mu sɛ: Yerusalemfo wɔ ahoɔden, asafo Awurade wɔn Nyankopɔn mu.


Na Enok ne Nyankopɔn nantewee; na wanhu no efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe.


Nea edi akyiri no, anuanom, yɛsrɛ mo na yetu mo fo Awurade Yesu mu, sɛ nea moasua yɛn nkyɛn, sɛnea ɛsɛ sɛ mobɔ mo bra na mosɔ Onyankopɔn ani no, saa ara na monkɔ so mma ɛmmoro so.


sɛ monnantew sɛnea ɛsɛ Onyankopɔn a wafrɛ mo akɔ n’ahenni ne n’anuonyam mu no.


Na mɛhyɛ Babel hene abasa den, na mede ne nkrante mahyɛ ne nsa, na mabubu Farao abasa, na wapenepene ɔtɔfo pene n’anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios