Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 10:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na mɛma wɔasan afi Misraim asase so aba, na mɛboa wɔn ano afi Asiria, na mede wɔn maba Gilead ne Lebanon asase so, na wɔrennya ɔkwan po mma wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na mɛma wɔasane afiri Misraim asase so aba, na mɛboa wɔn ano afiri Asiria, na mede wɔn aba Gilead ne Lebanon asase so, na wɔrennya kwan mpo mma wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Mede wɔn befi Misraim aba mɛboa wɔn ano afi Asiria. Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon, na wɔrensen hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na mɛma wɔasane afiri Misraim asase so aba, na mɛboa wɔn ano afiri Asiria, na mede wɔn aba Gilead ne Lebanon asase so, na wɔrennya kwan mpo mma wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Mede wɔn bɛfiri Misraim aba mɛboa wɔn ano afiri Asiria. Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon, na wɔrensene hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na mɛma wɔasan afi Misraim asase so aba, na mɛboa wɔn ano afi Asiria, na mede wɔn maba Gilead ne Lebanon asase so, na wɔrennya ɔkwan po mma wɔn.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 10:10
16 Referencias Cruzadas  

Wɔde ahopere befi Misraim aba sɛ nnomaa, na wɔafi Aseria asase so aba sɛ mmorɔnoma, na mede wɔn madua wɔn afi mu, AWURADE asɛm ni.


Sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, me ara meregye me man nkwa afi owia apuei asase ne atɔe asase so,


Fa wo poma yɛn wo man, w’agyapade nguan a wɔn nko te kwaem, a asase pa atwa ho ahyia no; ma wonnidi Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu.


Na dɔm yi a ɛyɛ Israel mma de no nnommum a wɔwɔ Kanaanfo mu no bedi asase no so de akosi Sarefat, na Yerusalem nnommum a wɔwɔ Sefarad no bɛfa nifa mu nkurow no adi so.


na mede Israel masan maba ne yɛmmea, na wabedidi Karmel ne Basan, na ne kra amee, Efraim bepɔw so ne Gilead.


Na sɛ AWURADE ka Yuda hene fi ho ni: Anka mote sɛ Gilead ma me, ne Lebanon nkoko atifi, nanso mɛdan wo anwea pradada so, ne nkurow a wɔnte mu!


Nea osua koraa no bɛdan apem na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, AWURADE, mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.


na mede wɔn maba na wɔabɛtena Yerusalem, na wɔabɛyɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, nokware ne trenee mu.


Wobedi AWURADE a ɔbɛbobom sɛ gyata akyi; na Yiw! Ɔbɛbobom, na mma de ahopopo afi po akyi aba.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios