Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 1:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Nanso me nsɛm ne m’ahyɛde a mehyɛɛ me nkoa adiyifo no, so anto mo agyanom? Na wɔsanee na wɔkae sɛ: Sɛnea asafo Awurade dwene sɛ ɔbɛyɛ yɛn sɛ yɛn akwan ne yɛn nneyɛe te no, saa na ɔne yɛn adi no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Nanso me nsɛm ne m’ahyɛdeɛ a mehyɛɛ me nkoa adiyifoɔ no no, anto mo agyanom anaa? Na wɔsanee na wɔkaa sɛ: Sɛdeɛ asafo AWURADE dwene sɛ ɔbɛyɛ yɛn sɛdeɛ yɛn akwan ne yɛn nneyɛɛ teɛ no, saa na ɔne yɛn adi no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na me nsɛm a menam mʼasomfo adiyifo so kae no, amma mo tete agyanom no so ana? “Afei wonuu wɔn ho na wɔkae se, ‘Asafo Awurade ayɛ yɛn nea ɛfata yɛn akwan ne nneyɛe, sɛnea ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛyɛ no.’ ”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Nanso me nsɛm ne m’ahyɛdeɛ a mehyɛɛ me nkoa adiyifoɔ no no, anto mo agyanom anaa? Na wɔsanee na wɔkaa sɛ: Sɛdeɛ asafo AWURADE dwene sɛ ɔbɛyɛ yɛn sɛdeɛ yɛn akwan ne yɛn nneyɛɛ teɛ no, saa na ɔne yɛn adi no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na me nsɛm a menam mʼasomfoɔ adiyifoɔ so kaeɛ no, amma mo tete agyanom no so anaa? “Afei wɔnuu wɔn ho na wɔkaa sɛ, ‘Asafo Awurade ayɛ yɛn deɛ ɛfata yɛn akwan ne nneyɛeɛ, sɛdeɛ ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛyɛ no.’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Nanso me nsɛm ne m’ahyɛde a mehyɛɛ me nkoa adiyifo no, so anto mo agyanom? Na wɔsanee na wɔkae sɛ: Sɛnea asafo Awurade dwene sɛ ɔbɛyɛ yɛn sɛ yɛn akwan ne yɛn nneyɛe te no, saa na ɔne yɛn adi no.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 1:6
46 Referencias Cruzadas  

Ɛno ne AWURADE asɛm no a ɔka kyerɛɛ Yehu sɛ: W’awo ntoatoaso a ɛto so anan mu mma bɛtena Israel agua so. Na ɛbae sa.


Mompɛ mu bio ɛ, na mummmu ntɛnkyew; na monsan mpɛ mu, na m’asɛm wom ara.


na Kedar mma mu nnɔmmarima ta dodow nkae no besua, efisɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, na aka.


nea ɔma n’akoa asɛm gyina, na ɔma n’abɔfo agyinatusɛm ba mu; nea ɔka Yerusalem ho sɛ: Nnipa ntena mu! Ne Yuda nkurow ho sɛ: Wɔnkyekye, na mɛma n’akurofo so agyinagyina.


Mommra o, mo a osukɔm de mo nyinaa, mommra nsu ho, na mo a munni sika no mommra mmɛtɔ, na munni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufusu; ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na enni bo nso.


saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ; ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.


AWURADE abufuw no rensan kosi sɛ ebewie na ama ne koma mu adwene agyina; nna a edi akyiri no mu no na mubehu mu pefee.


Ohu nko na munhu sɛ, sɛ mukum me a, mogya a edi bem na mobɛsesaw agu mo ne kurow yi ne emutefo so, na nokwarem, AWURADE na asoma me mo nkyɛn, sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa mingu mo asom.


Na odiyifo Hanania wui afe no ara mu ɔsram a ɛto so ason mu.


Hwɛ, mpempe no redu kurow no ho sɛ wɔrebegye, na wɔde kurow no bɛhyɛ Kaldeafo a wɔne no reko no nsam, afoa ne ɔkɔm ne owuyare ano, na nsɛm a wokae no aba mu, na hwɛ, wuhu.


San fa mmobɔwee foforo, na kyerɛw kan nsɛm a ɛwɔ kan mmobɔwee no mu a Yuda hene Yehoiakim hyewee no nyinaa hyɛ mu.


Kɔ na kɔka kyerɛ Etiopiani Ebed-melek sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Hwɛ, merema me nsɛm no aba mu kurow yi so, na asi wɔn bɔne, na ansi wɔn yiye, w’anim na ɛbɛba mu da no.


Muntwitwa mo ho twetia mma AWURADE, na munyi mo koma momonoto, Yuda mmarima ne Yerusalemfo, anyɛ saa a m’abufuw befi sɛ ogya abɛhyew a obi nni hɔ a obedum, mo nsɛnnii mu bɔne nti.


Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Mo ara moahu bɔne a mede maba Yerusalem ne Yuda nkurow nyinaa so no nyinaa. Na hwɛ, ayɛ amamfo nnɛ, na obiara nni hɔ a ɔte so.


Na nnipa kakraa bi a wobefi afoa ano afi no bɛsan afi Misraim asase so aba Yuda asase so, na Yuda nkae a wɔbaa Misraim asase so bɛsoɛɛ hɔ ahɔho no nyinaa behu onii a n’asɛm begyina, me de oo, wɔn de oo!


Na eyi bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama mo, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛtwe mo aso ɛha yi, na moahu sɛ me nsɛm no aba mu wɔ mo ho ayɛ mo bɔne:


Ɛnna m’anibere ne m’abufuhyew hwie gui, na ɛdɛw Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn so ma ɛdannan asase a asɛe ne amamfo sɛ ɛte nnɛ yi.


Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn no, se ni: Esiane sɛ mokaa saa asɛm yi nti, hwɛ, merema me nsɛm ayɛ ogya w’anom, na ɔman yi adan nnyina, na ahyew wɔn.


Ɔtreneeni ne ɔno AWURADE, na me na matew n’anom asɛm ho atua. Amansan nyinaa, muntie, monhwɛ me yaw! Me mmabaa ne me mmerante kɔ nnommumfa mu.


AWURADE ayɛ nea osusuwii; wama n’asɛm abam pɛ, n’asɛm a ofi tete mmere no mu hyɛe no; wadwiriw, na wankyɛe so, na wama ɔtamfo ani agye wo ho, wama w’ahohiafo abɛn so.


Yɛn ara na yɛato mmara na yɛatew atua, wo nso woamfa amfiri.


na ɛhɔ na mobɛkae mo akwan ne mo nneyɛe a mode guu me ho fi no nyinaa, na mo ho ayɛ mo nwini, mo ani so, mo bɔne a moyɛe no nyinaa nti.


Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, nnompe yi yɛ Israel fi no nyinaa; hwɛ, wɔka sɛ: Yɛn nnompe ho akokwaw, na yɛn anidaso ayera; wɔatwa yɛn korakora!


Eyinom nyinaa baa ɔhene Nebukadnesar so.


Efraim bɛdan amamfo, asotwe da no; mama wɔahu Israel mmusuakuw ho asɛm a ebetim no.


Wɔn bɔne nyinaa wɔ Gilgal, na ɛhɔ na mifi metan wɔn; wɔn nneyɛe bɔne nti, mɛpam wɔn afi me fi, merenna so mennɔ wɔn; wɔn mmapɔmma nyinaa yɛ atuatewfo nko.


Afoa ano na me man mu nnebɔneyɛfo nyinaa bewuwu, wɔn a wɔka sɛ: Bɔne no renso yɛn so na ɛrento yɛn no.


Ɔsram a ɛto so dubiako a ɛne ɔsram Sebat [a ɛte sɛ Ogyefuo] da a ɛto so aduonu anan, Dario afe a ɛto so abien mu no, Awurade asɛm baa odiyifo Sakaria a ɔyɛ Berekia ba Ido ba nkyɛn sɛ:


Ɛnna mobɛsan ahu nsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no, no ntam.


Onyankopɔn nyɛ onipa, na wadi atoro, anaa onipa ba, na wanu ne ho. So ɔno de, ɔbɛka asɛm bi na ɔrenyɛ, anaasɛ ɔbɛkasa na ɔremma entim?


Na sɛ moanyɛ saa a, hwɛ, na moayɛ AWURADE bɔne, na munhu yiye sɛ mo bɔne beyi mo ama.


Na sɛnea misusuwii sɛ mɛyɛ wɔn no, saa ara na mɛyɛ mo.


Ɔsoro ne asase betwam akɔ, na me nsɛm de, ɛrentwam da.


Nanso sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde a merehyɛ wo nnɛ yi ayɛ a, nnome yi nyinaa bɛba wo so abɛto wo.


na nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abɛto wo, efisɛ wutie AWURADE wo Nyankopɔn nne.


AWURADE bɛma nnome, wibɔ ne adapaabɔ aba wo so nea wode wo nsa bɛka ayɛ nyinaa mu de akosi sɛ wo bra bɔne nti wɔbɛdwerɛw wo, na woasɛe ntɛm, efisɛ woagyaw me.


Na nnome yi nyinaa bɛba wo so na atiw wo abɛto wo akosi sɛ wobɛsɛe, efisɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wubedi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde a ɔhyɛɛ wo no so.


Na mo de, anuanom, munni sum mu, na ɛda no abɛto mo sɛ owifo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios