Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 1:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Mo agyanom no wɔ he? Na adiyifo no, so wɔtenaa hɔ kosii daa?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Mo agyanom no wɔ he? Na adiyifoɔ no, wɔtena hɔ kɔsi daa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Mo tete agyanom wɔ he mprempren? Na adiyifo no, wɔte ase daa ana?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Mo agyanom no wɔ he? Na adiyifoɔ no, wɔtena hɔ kɔsi daa?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Mo tete agyanom wɔ he seesei? Na adiyifoɔ no, wɔte ase daa anaa?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Mo agyanom no wɔ he? Na adiyifo no, so wɔtenaa hɔ kosii daa?

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 1:5
16 Referencias Cruzadas  

Nso na Elisa yare ne yare a ɔde wui no. Na Israel hene Yoas san baa ne nkyɛn besui n’anim, na ɔkae sɛ: M’agya, m’agya! Israel nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo!


Na Elisa wui, na wosiee no. Na afe no dui no, Moabfo afowfo asafo baa asase no so.


Yɛn mfirihyiam nna, emu wɔ mfe aduɔsɔn, na sɛ ɛboro so a, na ɛredu aduɔwɔtwe, na emu ahohoahoade yɛ ɔbrɛ ne ahuhude, na etwam ntɛm so, na yetu kɔ.


Awo ntoatoaso kɔ, na awo ntoatoaso ba, na asase de, etim hɔ daa.


na wɔasuro nea ɛkorɔn, na ehu aba ɔkwan mu, na ɔsonkoran aba ayɛ mfonoee, na abɛbɛw ayɛ adesoa, na akɔnnɔ to atwa, efisɛ onipa rekɔ ne daa fie, na ayiyɛfo rekyin mmorɔn so.


na dɔte asan akɔ asase mu sɛ ɛte kan no, na honhom asan akɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.


San fa mmobɔwee foforo, na kyerɛw kan nsɛm a ɛwɔ kan mmobɔwee no mu a Yuda hene Yehoiakim hyewee no nyinaa hyɛ mu.


Yɛn agyanom ayɛ bɔne, nso wonni hɔ; na yɛn na yɛso wɔn amumɔyɛ.


Ɛnna Yudafo no see no sɛ: Afei na yɛahu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham ne adiyifo no wuwui, na wo de, wuse: Sɛ obi di m’asɛm so a, ɔrenka owu nhwɛ ara da.


Na Dawid de, ɔsomee n’ankasa ne bere so sɛnea Onyankopɔn pɛ wiei no, ɔdae, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ohuu porɔw;


Na sɛnea ɛda hɔ ma nnipa sɛ wobewu prɛko na ɛno akyi atemmu bɛba no,


Na Samuel wui; na Israel nyinaa boaboaa wɔn ho ano begyam no, na wɔkoraa no ne fi wɔ Rama. Na Dawid sɔre sian kɔɔ Paran sare so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios