Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 1:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Abohuru na Awurade bo huru hyɛɛ mo agyanom.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Abohuro na AWURADE bo huru tiaa mo agyanom.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Awurade bo fuw mo tete agyanom.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na AWURADE bo fuu mo agyanom pa ara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Awurade bo fuu mo tete agyanom.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Abohuru na Awurade bo huru hyɛɛ mo agyanom.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 1:2
24 Referencias Cruzadas  

esiane sɛ wo koma yɛ bɛtɛɛ na woabrɛ wo ho ase AWURADE anim, sɛ wotee nea maka, ɛha yi ne ɛhafo ho, sɛ wɔbɛdan amamfo ne nnome, na woasunsuane wo ntade mu na woasu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ose.


Nanso AWURADE annan amfi n’abufuhyew kɛse a ɛdɛw hyɛɛ Yuda, abohuru a Manase de huruu ne bo no nyinaa nti, no mu.


Na nea yɛn nneyɛe bɔne ne yɛn asodi kɛse nti ɛbaa yɛn so no nyinaa akyi yi nso, wo, yɛn Nyankopɔn, woakyɛe yɛn so, woamma annu yɛn amumɔyɛ so, na woama yɛafi mu sɛ ɛte yi,


Onyankopɔn, woasum yɛn agu, woabɔ yɛn apansam, wo bo afuw; ma yɛn ho mmra yɛn ho bio.


na wɔbae bedii so no, wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; nea wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa, wɔanyɛ, enti na woama bɔne yi nyinaa abɛto wɔn yi.


Ɛnna m’anibere ne m’abufuhyew hwie gui, na ɛdɛw Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn so ma ɛdannan asase a asɛe ne amamfo sɛ ɛte nnɛ yi.


Yɛn agyanom ayɛ bɔne, nso wonni hɔ; na yɛn na yɛso wɔn amumɔyɛ.


Enti mehwie m’abufuhyew magu wɔn so, na madwerɛw wɔn, m’anibere gya no mu, na mede wɔn abrabɔ mabua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Na me nso, medi no anibere so; m’aniwa renkyɛe so, na merenhu mmɔbɔ; na wɔde nne kɛse besu agu m’asom de, nanso merentie wɔn.


na abohuru kɛse na me bo huru hyɛ amanaman a wɔte hɔ dwoodwoo no, efisɛ me de, me bo hurui kakraa bi, na wɔn de, wɔboae ma ɛdan bɔne.


Na wɔyɛɛ wɔn koma sɛ ahwehwɛbo, na wɔantie mmara ne nsɛm a asafo Awurade nam ne honhom so maa kan adiyifo no bɛkae no. Enti na abufuhyew kɛse fi asafo Awurade nkyɛn bae no.


Na sɛ asafo AWURADE se ni: Sɛnea mo agyanom huruu me bo na midwenee sɛ mɛyɛ mo bɔne, na mansakra m’adwene no,


Adiyifo no mu hena na mo agyanom antaa no? Na wokum wɔn a wɔkaa Ɔtreneeni no ba no ho asɛm kan no; ɔno na afei moayi no ama akum no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios