Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 1:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Enti sɛ Awurade se ni: Mede ayamhyehye madan m’ani makyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wobesi me fi nso, asafo Awurade asɛm ni, na wɔbɛtwe susuhama mu Yerusalem so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Mede ayamhyehyeɛ madane m’ani akyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wɔbɛsi me fie nso, asafo AWURADE asɛm nie, na wɔbɛtwe susuhoma mu Yerusalem so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Enti nea Awurade se ni: ‘Mɛsan abehu Yerusalem mmɔbɔ, na hɔ na wɔbɛsan asi me fi. Na wɔbɛtwe susuhama mu wɔ Yerusalem so,’ nea Asafo Awurade se ni.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Mede ayamhyehyeɛ madane m’ani akyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wɔbɛsi me fie nso, asafo AWURADE asɛm nie, na wɔbɛtwe susuhoma mu Yerusalem so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Enti, deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mɛsane abɛhunu Yerusalem mmɔbɔ, na ɛhɔ na wɔbɛsane asi me fie. Na wɔbɛtwe susu ahoma mu wɔ Yerusalem so,’ deɛ Asafo Awurade seɛ nie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Enti sɛ Awurade se ni: Mede ayamhyehye madan m’ani makyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wobesi me fi nso, asafo Awurade asɛm ni, na wɔbɛtwe susuhama mu Yerusalem so.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 1:16
24 Referencias Cruzadas  

Hena na ɔde ne nsusuwii too hɔ, wunim anaa? Anaasɛ hena na ɔsaa so hama?


Ɛda no na wobɛka sɛ: Mɛda wo ase, O AWURADE, sɛ, wo bo fuw me mpo a, w’abufuw no asan, na woakyekye me werɛ.


na pokupoku ne apɛsɛe na wɔbɛfa, na patu ne kwaakwaadabi atena hɔ; na ɔbɛsa so sakasakayɛ hama, na amamfoyɛ sumpii bo asɛn so.


Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede Yakob ntamadan mu nnommum meresan aba, na me yam ahyehye me ne tenabea ho; na wɔbɛkyekyere kurow no ne dabere, na aban afɛfɛ nso besi nea ɛsɛ.


Na ɔde me baa hɔ no, na hwɛ, ɔbarima bi a ne su te sɛ kɔbere de ni, na siwabiri hama ne susuw demmire kura ne nsam, na ogyina ɔponkɛse no ano.


Ɔbarima no fi kɔɔ apuei no, na susuhama kura ne nsam, na osusuw basafa ahanum, na ɔde me twaa nsu no, nsu a ɛka nansabon;


Nea etwa ho hyia si basafa mpem akron. Na efi da no, kurow no din ne: AWURADE wɔ hɔ.


Na Awurade nyan Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no, honhom, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfopanyin no honhom, ne ɔman no nkae nyinaa ahonhom, na wɔbae bɛyɛɛ adwuma, asafo Awurade, wɔn Nyankopɔn fi,


Na mɛhyɛ Yuda fi baninha, na magye Yosef fi nkwa, na mama wɔatena ase; na me yam ahyehye me ama wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ minsum wɔn mingui ɛ, na mene Awurade wɔn Nyankopɔn, na megye wɔn so.


na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tu mmirika ka kyerɛ aberante yi sɛ: Yerusalem bɛda hɔ sɛ nkuraankuraa a enni afasu, nnipa ne mmoa a ɛwɔ mu dodow nti;


na me de, Awurade asɛm ni, m’ankasa mɛyɛ no ogya fasu matwa ne ho ahyia, na mayɛ ne mu anuonyam.


Huu, huu! Munguan mfi atifi fam asase so, Awurade asɛm ni, na matrɛw mo mu sɛ ɔsoro mframa anan no, Awurade asɛm ni.


Serubabel nsa na ahyɛ ofi yi ase, na ne nsa ara na ebewie, na woahu sɛ asafo Awurade na asoma me mo nkyɛn.


Sɛ AWURADE se ni: Meresan maba Sion, na matena Yerusalem, na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ: Nokware kurow, ne asafo AWURADE bepɔw no nso sɛ: Bepɔw kronkron.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios