Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 1:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna Awurade bɔfo no buae sɛ: Asafo Awurade, enkosi da bɛn na wo yam renhyehye wo mma Yerusalem ne Yuda nkurow a wo bo ahuru ahyɛ wɔn mfirihyia aduɔsɔn ni no?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no bisaa sɛ: Asafo AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn na wo yam renhyehye wo mma Yerusalem ne Yuda nkuro a wo bo ahuro atia wɔn mfirinhyia aduɔson nie?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Afei Awurade bɔfo no kae se, “Asafo Awurade, enkosi da bɛn na wubeyi wʼahummɔbɔ afi Yerusalem ne Yuda nkurow a wo bo afuw wɔn mfirihyia aduɔson ni no so?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no bisaa sɛ: Asafo AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn na wo yam renhyehye wo mma Yerusalem ne Yuda nkuro a wo bo afu wɔn mfirinhyia aduɔson nie?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Afei, Awurade ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Asafo Awurade, ɛnkɔsi da bɛn na wobɛyi wʼahummɔborɔ afiri Yerusalem ne Yuda nkuro a wo bo afu wɔn mfirinhyia aduɔson yi so?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna Awurade bɔfo no buae sɛ: Asafo Awurade, enkosi da bɛn na wo yam renhyehye wo mma Yerusalem ne Yuda nkurow a wo bo ahuru ahyɛ wɔn mfirihyia aduɔsɔn ni no?

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 1:12
24 Referencias Cruzadas  

sɛ wɔmma AWURADE asɛm a ɔde Yeremia ano kae no mmra mu, sɛ enkosi sɛ asase no bedi ne home mfe no: Amamfoyɛ nna no nyinaa na ɛbɛhome akosi sɛ mfirihyia aduɔsɔn bewie du.


Efi w’abufuw ne w’anibere so, sɛ womaa me so, na woatow me akyene.


Wobɛsɔre abehu Sion mmɔbɔ, na ɛbere a ɛsɛ sɛ wodom no ni, na ɛbere no adu.


Onyankopɔn, wunim me nkwaseasɛm, na me mfomso nhintaw wo ɛ.


Onyankopɔn, ɔhohiafo nka ahohorasɛm nkosi da bɛn? Ɔtamfo ngu wo din ho fi daa anaa?


Enkosi da bɛn, AWURADE, na wo bo befuw daa yi, na wo ninkuntwe adɛw sɛ ogya?


okum wɔ ne bere, na ɔsa wɔ ne bere; obubu wɔ ne bere, na osi wɔ ne bere;


Me bo fuw me man, mihuraa m’agyapade ho, na mede wɔn mehyɛɛ wo nsa, woanyi ayamhyehye ankyerɛ wɔn, nkwakoraa ne mmerewa so po womaa wo kɔndua yɛɛ duru dodo;


Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiaa no, na n’anim bɔfo no gyee wɔn; ne dɔ ne ne nkyɛeso mu na ogyee wɔn, na ɔmomaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa mu.


Enkosi da bɛn na asase no nni nkɔmmɔ, na afum ahaban ntwintam? Ɛsofo bɔne no nti mmoa ne nnomaa awie sa, efisɛ wɔka sɛ: Ɔrenhu yɛn awiei.


Mantena aserewfo guabɔ mu manni ahurusi; wo nsa nti me nko na metenae, efisɛ wode abufuw ahyɛ me ma.


Na sɛ AWURADE se ni: Mfirihyia aduɔsɔn nya du ma Babel a, mɛba mabɛhwɛ mo, na mama m’asɛmpa no aba mu ama mo, sɛ mede mo mɛsan aba ha yi.


Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede Yakob ntamadan mu nnommum meresan aba, na me yam ahyehye me ne tenabea ho; na wɔbɛkyekyere kurow no ne dabere, na aban afɛfɛ nso besi nea ɛsɛ.


Na obiako ka kyerɛɛ ɔbarima a ofura nwera a ɔwɔ asubɔnten no nsu no atifi no sɛ: Da bɛn na anwonwade no awiei bɛkɔ akodu?


afe a obedii mu hene no, me, Daniel, memaa m’ani baa nhoma no mu mfirihyia dodow a AWURADE asɛm baa odiyifo Yeremia so sɛ ɔbɛma mfirihyia aduɔsɔn awie odu, Yerusalem amamfo so no so.


AWURADE, menteɛm nkosi da bɛn ara, na wubetie me? Nhyɛso nti misu mefrɛ wo, nanso worennye me so


Mihui anadwo, na hwɛ, ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ogyina ohuannua a ɛwɔ obon mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne fitaa gyinagyina n’akyi. Na mibisaa sɛ: Me wura, eyinom yɛ dɛn?


Bisa asase no so aman nyinaa ne asɔfo no sɛ: Mokyen kɔm na mudii nkɔmmɔ, ɔsram a ɛto so anum ne nea ɛto so ason so, mfe aduɔsɔn yi no, mokyen maa me anaa?


Saa nti, obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn.


Na wɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Awurade, Tumfo, Ɔkronkronni ne Ɔnokwafo, woremmu atɛn, na worenntɔ wɔn a wɔte asase so no yɛn mogya so were kosi da bɛn?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios