Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 9:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Mede me koma nyinaa bɛda AWURADE ase, AWURADE, mɛka w’anwonwade nyinaa akyerɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Mede m’akoma nyinaa mɛda AWURADE ase; AWURADE, mɛka w’anwanwadeɛ nyinaa akyerɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade, mefi me koma nyinaa mu ada wo ase. Mɛka wʼanwonwade no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Mede m’akoma nyinaa mɛda AWURADE ase; AWURADE, mɛka w’anwanwadeɛ nyinaa akyerɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ao Awurade, mefiri mʼakoma nyinaa mu mekamfo wo. Mɛka wʼanwanwadeɛ no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Mede me koma nyinaa bɛda AWURADE ase, AWURADE, mɛka w’anwonwade nyinaa akyerɛ.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 9:1
22 Referencias Cruzadas  

O Awurade, me Nyankopɔn, mede me koma nyinaa mɛda wo ase, na mahyɛ wo din anuonyam daa,


Monka n’anuonyam wiase aman mu, ne n’anwonwade aman nyinaa mu.


Munyi AWURADE ayɛ! Mede me koma nyinaa mɛkamfo AWURADE, treneefo guabɔ ne asafo mu.


sɛ merema wɔate m’aseda dwom, na maka w’anwonwade nyinaa.


Enti momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no.


ɔman a manwene wɔn mafa no, na wɔaka m’ayeyi akyerɛ.


Mɛda AWURADE ase sɛnea ne trenee te, na mato ayeyi dwom mama AWURADE a ɔwɔ sorosoro no din.


Monkae n’anwonwade a wayɛ, n’ahodwiriwde ne n’anom atemmusɛm,


Mede me koma nyinaa mɛda wo ase O, AWURADE, mɛto wo dwom wɔ anyame no anim.


AWURADE, bue m’ano, na mede m’ano maka w’ayeyi.


Na obuae sɛ: Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn; na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.


Na wɔto Onyankopɔn akoa Mose dwom ne Oguammaa no dwom sɛ: Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo, wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa. Amanaman hene, w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware.


Ɛda no na wobɛka sɛ: Mɛda wo ase, O AWURADE, sɛ, wo bo fuw me mpo a, w’abufuw no asan, na woakyekye me werɛ.


Yoma manyamanya bɛkata wo so, Midian ne Efa yomaforo no; wɔn nyinaa fi Seba reba, sika ne aduhuam na wɔsosoe, na wɔkeka AWURADE ayeyi.


Hena na obetumi aka AWURADE mmaninne, na wama wɔate n’ayeyi nyinaa?


na menka w’ayeyi nyinaa menkyerɛ, Sion babea aponkɛse mu, na minni ahurusi wo nkwagye mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios