Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 85:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Woatwe w’anibere nyinaa, woadan afi w’abufuw hyewhyew no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Woatwe w’anibereɛ nyinaa, woadane afiri w’abufuo hyehyeɛ no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wode wʼabufuw nyinaa too nkyɛn na wodan fii wʼabufuwhyew ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Woatwe w’anibereɛ nyinaa, woadane afiri w’abufuo hyehyeɛ no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wode wʼabofuo too nkyɛn na wodane firii wʼabufuhyeɛ ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Woatwe w’anibere nyinaa, woadan afi w’abufuw hyewhyew no mu.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 85:3
17 Referencias Cruzadas  

Na ose anka ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a oyii no no kogyinaa n’anim siw abu no ano, sɛ ɔrepam n’abufuw no, na wansɛe wɔn.


Na mma abusude no bi nnka wo nsam; na AWURADE nnan mfi n’abufuhyew no ho, na onhu wo mmɔbɔ, na ne yam nhyehye no mma wo, na ɔmma wɔnnɔɔso sɛnea ɔkaa w’agyanom ntam no;


Obi nnim sɛ ebia Onyankopɔn bɛsesa n’adwene wɔ nea ɔrebɛyɛ no ho, na wadan ne ho afi abufuhyew no ho, na wansɛe yɛn.


Ɛda no na wobɛka sɛ: Mɛda wo ase, O AWURADE, sɛ, wo bo fuw me mpo a, w’abufuw no asan, na woakyekye me werɛ.


na ɔde kaa m’ano kae sɛ: Hwɛ, eyi aka w’ano, na wɔayi w’amumɔyɛ kɔ, na wɔakata wo bɔne so.


Na ɔno de, ɔyɛ timmɔbɔ nti, ɔkataa wɔn amumɔyɛ so, na wansɛe wɔn; na ɔtaa sianka n’abufuw, na wanhwanyan n’awerɛhow nyinaa.


Ade kyee no, Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ose: Hwɛ, Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no ni.


Ɛnna Aaron se: Mma me wura bo mmfuw, wo ara wunim ɔman yi sɛ bɔne ara na wɔde asi wɔn anim.


Amanaman, mo ne ne man mmɔ ose, efisɛ obedi ne nkoa mogya so were, na ɔde aweredi betua n’atamfo ka, na wapata ama n’asase, ne man.


ɛnne tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotɔsrɛ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na di wɔn asɛm ma wɔn, na fa wo man bɔne a wɔayɛ wo no firi wɔn.


Monkyekye, monkyekye me man werɛ, mo Nyankopɔn na ose.


Monka abodwoesɛm nkyerɛ Yerusalem, na mommɔ no kaseɛ sɛ n’akode asa, sɛ wɔde ne mfomso akyɛ, sɛ ne bɔne nyinaa ho wanya AWURADE nsam mmɔho.


Nna no mu ne bere no mu, AWURADE asɛm ni, na wɔbɛtwee Israel amumɔyɛ, nso na enni hɔ, ne Yuda bɔne, na wɔrenhu, na mede mefiri wɔn, a mema wɔkae no.


nea ɛbɛyɛ na woakae, na w’ani awu, na w’aniwu nti woammue w’ano bio, sɛ makata nea woyɛe no nyinaa so mama wo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


yɛn ho na ɔbɛsan ama ne yam ahyehye no, ɔbɛpopa yɛn amumɔyɛ; na wobɛtow wɔn bɔne nyinaa agu ɛpo bun mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios