Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 82:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Wonnim de, na wɔnte ase, esum mu na wɔnantew kɔ, asase nnyinaso nyinaa rewosow.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Wɔnnim de, na wɔnte aseɛ, esum mu na wɔnante korɔ, asase nnyinasoɔ nyinaa rewoso.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 “Anyame no nnim de, na wɔnte hwee ase. Wokyinkyin wɔ sum mu; na asase fapem nyinaa wosow.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Wɔnnim de, na wɔnte aseɛ, esum mu na wɔnante korɔ, asase nnyinasoɔ nyinaa rewoso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 “Wɔnnim hwee, na wɔnte hwee ase. Wɔkyinkyini wɔ esum mu; na asase fapem nyinaa woso.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Wonnim de, na wɔnte ase, esum mu na wɔnantew kɔ, asase nnyinaso nyinaa rewosow.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 82:5
19 Referencias Cruzadas  

Sɛ wɔsɛe nnyinaso no a, ɔtreneeni bɛyɛ dɛn?


Na mise: Muntie ɛ, Yakob atitiriw ne Israel fi akannifo, so ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ muhu atemmu?


Na sɛnea wɔammu sɛ wobekura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ nea ɛmfata:


afi wɔn a wogyaw trenee akwan kɔnantew sum akwan so no ho,


Na nea ɔtan ne nua no te sum mu na ɔnam sum mu, na onnim nea ɔrekɔ, efisɛ esum no afura n’ani.


Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Aka hann no bere tiaa bi wɔ mo mu. Mowɔ hann no yi, monnantew, na esum ammɛto mo; na nea ɔnam sum mu no nnim faako a ɔrekɔ.


Esiane sɛ wokyi nimdeɛ, na wɔampɛ AWURADE suro,


Enti omumɔyɛfo biara nni nimdeɛ, wɔn a wodi me man sɛnea wodi aduan, na wɔnsɔre AWURADE?


Nanso Onyankopɔn nnyinaso tim hɔ pintinn kura nsɔano yi: Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne de; Ma obiara a ɔbɔ Awurade din ntwe ne ho mfi nea ɛnteɛ ho.


Na eyi mmom ne atemmu no, sɛ hann no aba wiase, na nnipa dɔ sum sen hann no; efisɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne.


Enti na atemmu ne yɛn ntam aware, na trenee nso nto yɛn no; yɛtwɛn hann, na hwɛ, esum ni, ne ɔhyerɛn nso, na sum kabii mu na yɛnam.


Na asafo AWURADE bobeturo ne Israel fi, na Yudafo ne n’afuw a ɔdɔ ho; na ɔhwehwɛɛ atemmu, na hwɛ, mogyahwiegu na ohui; ɔhwehwɛɛ trenee, na hwɛ, nteɛm na ɔtee.


So amumɔyɛfo anhu de, wɔn a wodi me man sɛnea wodi aduan, na wɔmfrɛ Onyankopɔn?


Na nea mahu bio owia ase ne atemmubea a abɔnefosɛm wɔ hɔ ne treneebea a amumɔyɛ wɔ hɔ.


Onyansafo de, n’aniwa wɔ ne tirim, na ɔkwasea de, esum mu na ɔnantew. Nanso mihui nso sɛ asiane koro no ara na esiane wɔn nyinaa.


Abɔnefo kwan te sɛ esum kabii, wonnim nea wohintiw.


Asase ne wɔn a wɔte so nyinaa mu hodwo a, me na mede mu adum misisi hɔ. Sela


Na yɛn de, nnɛra nko na yefi hɔnom, na yennim hwee, efisɛ yɛn nna yɛ sunsuma, asase so.


AWURADE di hene, aman ho popo; ɔte Kerubim so, asase him.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios