Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 82:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Munni mpere ɔbrɛfo ne ayisaa, munni asɛntrenee mma ɔmanehunufo ne mmɔboroni.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Monni ɔbrɛfoɔ ne awisiaa asɛm, monni asɛntenenee mma ɔmanehunufoɔ ne mmɔborɔni.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Monka mmɔborɔfo ne ayisaa asɛm mma wɔn; mommɔ ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiyedi ho ban.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Monni ɔbrɛfoɔ ne awisiaa asɛm, monni asɛntenenee mma ɔmanehunufoɔ ne mmɔborɔni.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Monka mmɔborɔfoɔ ne nwisiaa asɛm mma wɔn; mommɔ ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiedie ho ban.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Munni mpere ɔbrɛfo ne ayisaa, munni asɛntrenee mma ɔmanehunufo ne mmɔboroni.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 82:3
16 Referencias Cruzadas  

sɛ wubedi ayisaa ne nea wɔhyɛ no so no asɛm, na ɔdesani a ofi asase mu no ho anyɛ hu bio.


Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fi agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase nkekae mu.


Odii ɔbrɛfo ne ohiani asɛm maa wɔn, enti na esii no yiye. So ɛnyɛ eyi ne me ho nimdeɛ? AWURADE asɛm ni.


Sɛ AWURADE se ni: Mummu atɛntrenee, nyɛ adetrenee, na munyi nea wɔafow no mfi omimfo nsam, na ɔhɔho, ayisaa ne okunafo, monnhyɛ wɔn so, mommmɔ wɔn atirimmɔden, na mogya a edi bem nso, munnhwie nngu ɛha yi.


Wɔadodɔ srade, wɔn ho ayɛ srasra; nso wodi nsɛmmɔne tra so; wommu atɛntrenee, wonni nyisaa asɛm, na ama wɔadi yiye; na ahiafo nso, wommu atɛn mma wɔn.


Nkyea ɔhɔho anaa ayisaa atɛn, na nnye okunafo atade awowa.


Wo mansohwɛfo yɛ mansotwefo ne awifo nnamfo; wɔn nyinaa pɛ ademmude na wodi akatua akyi; wonni mma nyisaa, na akunafo asɛm nnu wɔn anim.


Munsua papayɛ, monhwehwɛ atɛntrenee, monni mma mmɔborɔfo, mommɔ nyisaa ho ban, na mompere mma akunafo.


obu atɛn ma ayisaa ne okunafo, na ɔdɔ ɔhɔho ma no aduan ne nkataho.


Na ohiani nso, nhwɛ n'anim wɔ n'asɛm mu.


Nnan wo hiani asɛm ani wɔ atemmu mu.


Efisɛ miyi ɔmanehunufo a osu frɛ ɔboafo, ne ayisaa a onni boafo.


na sɛ mama me nsa so ayisaa so, efisɛ mihuu me boa kurow pon mu a,


Bue w’ano, bu atɛntrenee, na di ɔbrɛfo ne ohiani asɛm.


Dawid fi, sɛ AWURADE se ni: Munni asɛntrenee anɔpa, na munyi nea wɔafow no mfi omimfo nsam, na m’abufuhyew amfi sɛ ogya ammɛhyew a obi rennum, mo nsɛnnii bɔne no nti.


Sɛ asafo Awurade se ni: Mummu nokwatɛn, na onipa ne ne nua nni no adɔe ne mmɔborohunu so;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios