Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 81:7 - KYERƐW KRONKRON

7 wofrɛe ahohia mu, na miyii wo wɔ mu, mifi ɔprannaa mu migyee wo so. Mesɔɔ wo mehwɛe Meriba asu ho. Sela

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 wofrɛɛ ahohia mu, na meyii wo wɔ mu, mefiri aprannaa mu megyee wo so. Mesɔɔ wo mehwɛɛ Meriba asuo ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mo ahohiahia mu mofrɛɛ me na migyee mo, migyee mo so wɔ aprannaa mu; mesɔɔ mo hwɛɛ wɔ Meriba nsu ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 wofrɛɛ ahohia mu, na meyii wo wɔ mu, mefiri aprannaa mu megyee wo so. Mesɔɔ wo mehwɛɛ Meriba asuo ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Mo ahohiahia mu, mofrɛɛ me na megyee mo, megyee mo so wɔ aprannaa mu; me sɔɔ mo hwɛeɛ wɔ Meriba nsuo ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 wofrɛe ahohia mu, na miyii wo wɔ mu, mifi ɔprannaa mu migyee wo so. Mesɔɔ wo mehwɛe Meriba asu ho. Sela

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 81:7
16 Referencias Cruzadas  

na frɛ me hiada mu, na megye wo na woahyɛ me anuonyam.


Na Farao bɛnee no, Israelfo no momaa wɔn ani so, na hwɛ, Misraimfo di wɔn akyi reba. Na Israelfo no suroe pii, na wosu frɛɛ AWURADE.


Na anɔpa srabere mu no, AWURADE faa ogya ne mununkum dum no mu hwɛɛ Misraim dɔm no, na ɔmaa Misraim dɔm no ho yeraw wɔn,


Na torobɛnto no nne kɔɔ so na ano yɛɛ den ara no, Mose kasae, na Onyankopɔn de nne kɛse gyee so.


Na nna dodow yi mu no ɛbae sɛ Misraim hene wui. Na ɔsom no nti Israelfo no sii apini, na wosu frɛe, na wɔn som no mu sufrɛ no koduu Onyankopɔn anim.


Mene AWURADE wo Nyankopɔn a miyii wo Misraim asase so nkoafi mu no.


Ɛno nti ka kyerɛ Israelfo sɛ: Mene AWURADE, na megye mo afi Misraim nkoasom no ase, na mayi mo mafi wɔn anyadi no mu, na mede basa a ateɛ ne atemmu akɛse magye mo.


Ne saa nti, hwɛ, AWURADE asɛm ni, nna bi reba a wɔrenka bio sɛ: Sɛ AWURADE a oyii Israelfo fii Misraim asase so bae no te ase yi,


Eyi ne Meriba asu, efisɛ Israelfo ne AWURADE hamee na ɔyɛɛ ne ho kronkron wɔn mu.


Aka kakraa bi na Aaron atiw ne mpanyimfo, na ɔrenkɔ asase a mede merema Israelfo no so, efisɛ moyɛɛ asoɔden maa m'anom asɛm, Meriba asu ho.


Na Lewi ho de, ɔkae sɛ: Wo nokware ne wo hann wɔ wo hotefo no, nea wosɔɔ no hwɛe Masa hɔ na wo ne no hamee Meriba asu ho no;


Mene AWURADE wo Nyankopɔn a miyii wo fii Misraim asase so, nkoafi mu no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios