Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 81:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na migyaa wɔn wɔn koma denyɛ mu, ma wɔnantew wɔn ankasa tirim agyina a wotuu mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na megyaa wɔn wɔn akoma denyɛ mu, maa wɔnantee wɔn ara tirim agyina a wɔtuiɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Enti migyaa wɔn maa wɔn komaden sɛ wɔnyɛ nea wɔpɛ biara.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na megyaa wɔn wɔn akoma denyɛ mu, maa wɔnantee wɔn ara tirim agyina a wɔtuiɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Enti megyaa wɔn maa wɔn akomaden sɛ wɔnyɛ deɛ wɔpɛ biara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na migyaa wɔn wɔn koma denyɛ mu, ma wɔnantew wɔn ankasa tirim agyina a wotuu mu.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 81:12
20 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE kae sɛ: Me honhom rentena onipa mu nkosi daa, efisɛ wɔyɛ ɔhonam, enti wɔn nna nyɛ mfe ɔha aduonu.


efisɛ wɔantie AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔtoo n’apam ne nea AWURADE akoa Mose hyɛe no nyinaa, na wɔantie na wɔanyɛ.


Na wɔne yɛn agyanom dii ahantansɛm, na wosinsen wɔn kɔn, na wɔantie wo mmara nsɛm.


Sɛ wo mma ayɛ no bɔne a, wagyaa wɔn de wɔn ahyɛ wɔn mmarato nsam.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Farao rentie mo, na ama m'anwonwade adɔɔso wɔ Misraim asase so.


Wonnue, mma atuatewfo, AWURADE na ose, wɔn a wodi agyinatusɛm so, na emfi me, na wɔyɛ nkabom bi, na ɛnyɛ me honhom so sɛ wɔde bɔne bɛka bɔne ho no.


Na wɔyɛ atuatew man, mma atorofo, mma a wɔmpɛ sɛ wotie AWURADE mmara.


Hena na ɔde Yakob maa ɔfom, na ɔde Israel maa afowfo? So ɛnyɛ AWURADE a yɛayɛ no bɔne, na wɔampɛ sɛ wɔnantew n’akwan mu, na wɔantie ne mmara no?


Na maka makyerɛ mo nnɛ, nso moantie AWURADE mo Nyankopɔn, ne nea ɔde somaa me mo nkyɛn no nyinaa.


Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔfaa wɔn ankasa kwan so, dii wɔn koma bɔne denyɛ akyi, na wɔsan wɔn akyi, na wɔankɔ anim.


Na wɔtew me so atua, na wɔampene sɛ wotie me; wɔn mu obi bi antow wɔn aniwa mu akyide ankyene, na wɔannyaw Misraim abosonhuhuw. Ɛnna mise: Mehwie m’anibere magu wɔn so mede mawie m’abufuw no wɔ wɔn so, Misraim asase so;


Me Nyankopɔn apa wɔn, efisɛ wɔantie no; na wɔbɛyɛ akobɔfo amanaman mu.


Na sɛ moantie me na moanni me mmara nsɛm yi nyinaa so,


Ɔno na tete bere a atwam no mu no, ɔmaa amanaman nyinaa kwan sɛ wɔmfa wɔn ankasa akwan so;


Na Onyankopɔn yii n’ani, na ɔde wɔn mae sɛ wɔnsom ɔsoro asafo, sɛnea wɔakyerɛw adiyifo nhoma no mu sɛ: Israel fifo, so mode mmoa ne nnuan bɔɔ afɔre maa me mfirihyia aduanan sare so anaa?


Enti Onyankopɔn nso gyaa wɔn maa afide wɔn koma akɔnnɔ mu, sɛ wongu wɔn nipadua ho fi wɔ wɔn mu;


Na ɔman no ampene sɛ wotie Samuel, na wɔkae sɛ: Dabi, na ɔhene ara na onni yɛn so,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios