Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 81:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Me ara mene AWURADE wo Nyankopɔn a miyii wo Misraim asase so mebae no, tɛɛ w’anom tɛtrɛɛ na menhyɛ no ma.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Me ara mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so mebaeɛ no, trɛ wo anomu tɛtrɛɛ na menhyɛ no ma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Mene Awurade, mo Nyankopɔn a miyii mo fii Misraim asase so no. Mummue mo anom tɛtrɛɛ na mɛhyɛ mu ma.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Me ara mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so mebaeɛ no, trɛ wo anomu tɛtrɛɛ na menhyɛ no ma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Mene Awurade, mo Onyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase so no. Mommue mo anom tɛtrɛɛ na mɛhyɛ mu ma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Me ara mene AWURADE wo Nyankopɔn a miyii wo Misraim asase so mebae no, tɛɛ w’anom tɛtrɛɛ na menhyɛ no ma.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 81:10
16 Referencias Cruzadas  

sɛ wama ɔkra a ne ho ayow amee, na ɔde adepa ahyɛ ɔkra a ɔkɔm de no ma.


Mene AWURADE wo Nyankopɔn a miyii wo Misraim asase so nkoafi mu no.


Nnya anyame foforo nka me ho.


a mehyɛɛ mo agyanom, da a miyii wɔn fii Misraim asase so fii dade fononoo no mu sɛ: Muntie me, na monyɛ nneɛma a mahyɛ mo no nyinaa, na moayɛ me ɔman, na me nso mayɛ mo Onyankopɔn,


Papa ayɛ Israel nwini; ma ɔtamfo ntiw wɔn ɛ!


Sɛ motena me mu na me nsɛm tena mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ ama mo.


Na da no moremmisa me biribiara. Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde bɛma mo.


Na da a edi akyiri a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛse no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteɛɛm sɛ: Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn menom nsu


Nnya anyame foforo nka me ho.


Na afei munsuro AWURADE na monsom no mudi ne nokware mu, na mompa anyame a mo agyanom somee, asuogya ne Misraim no, na monsom AWURADE.


Na afei montotow amannɔne anyame a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnannan mo koma mma AWURADE mo Nyankopɔn.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfiase ne awiei no. Me na mede nkwa nsuti mu nsu mɛkyɛ obiara a osukɔm de no kwa.


Na honhom no ne ayeforo no se: Bra! Na nea otie no nka sɛ: Bra! Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios