Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 8:4 - KYERƐW KRONKRON

4 ɔdesani ne hena a wokae no, na onipa ba ne hena a w’ani ku ne ho!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 ɔdasani ne hwan a wokae no, na onipa ba ne hwan a w’ani ku ne ho!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 onipa ne hena a wokae no, na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 ɔdasani ne hwan a wokae no, na onipa ba ne hwan a w’ani ku ne ho!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 onipa ne hwan a wokae no, na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 ɔdesani ne hena a wokae no, na onipa ba ne hena a w’ani ku ne ho!

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 8:4
25 Referencias Cruzadas  

AWURADE, onipa ne hena a wuhu no, ɔdesani ba ne hena a wudwen ne ho?


Ɔdesani ne hena a wubu no ɔkɛse, na wudwen ne ho?


Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.


Na so ampa sɛ, Onyankopɔn bɛtena nnipa nkyɛn asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na menne ɔdan yi a masi yi.


Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn, efisɛ wabɛhwɛ na wagye ne man;


Na Yesu see no sɛ: Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw, na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to.


Fa wo nsa kata wo nifa nipa no so, onipa ba a woafa no ayɛ wo de pintinn no so,


Na menne ɔdesani, abubummabaa yi, ne onipa ba, aboaa yi!


Me ara mene mo werɛkyekyefo; hena ne wo na wusuro ɔdasani a owu ne onipa ba a wɔyɛɛ no sɛ wura?


AWURADE, wo man ho anisɔ no mu, kae me, wo nkwagye mu, bɛhwɛ me,


Na AWURADE bɛhwɛɛ Sara sɛnea ɔkae no, na Awurade yɛɛ Sara sɛnea ɔhyɛɛ no bɔ no.


Amanaman nyinaa nyɛ hwee n’anim; obu wɔn sɛ ade a ɛnyɛ hwee ne adehunu.


na wɔadwiriw wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu no agu fam, na wɔrennyaw wo mu bo ɔbo so, efisɛ woanhu bere a wɔdom bɛhwɛɛ wo no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahu? Wobɛsan ahu akyide akɛse a ɛsen eyinom bio.


Mo mmarima mma, m’anuonyam bɛdan ahohora akosi da bɛn? Mobɛdɔ ade hunu, mubedi atoro akyi akosi da bɛn? Sela


Na ɔman no gye dii. Na wɔtee sɛ AWURADE abɛhwɛ Israelfo na wahu wɔn amanehunu no, wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.


na mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wodi mo ho nseku wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, “nsra da no”.


Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.


Na Onyankopɔn kae sɛ: Akanea mmra ɔsoro ntrɛwmu no mu, na ɛmmɛpae awia ne anadwo mu, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne ne bere nkyekyem ne nna ne mfe;


Na wɔmaa wɔn agya nsa nomee anadwo no nso bio, na akumaa no sɔre ne no kɔdae; na wanhu ne nna ne ne sɔre mu.


Da koro biara woro kyerɛ, na anadwo biara da nimdeɛ adi.


na aman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuw, na AWURADE mmom na ɔyɛɛ ɔsoro.


Nea ɔde nhumu yɛɛ ɔsoro no, na n’adɔe wɔ hɔ daa.


Ɔsram ne nsoromma, sɛ enni anadwo so, na n’adɔe wɔ hɔ daa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios