Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 8:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Ao! AWURADE, yɛn Awurade, nim bɛn na wo din nni, asase nyinaa so! Wo a wode w’anuonyam akata ɔsoro,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Ao, AWURADE, yɛn Awurade, enim bɛn na wo din nni asase nyinaa soɔ! Wo a wode w’animuonyam akata ɔsoro.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade, yɛn Awurade, wo din kɛseyɛ ada adi wiase mmaa nyinaa. Wode wʼanuonyam atimtim ɔsoro nohɔ,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Ao, AWURADE, yɛn Awurade, enim bɛn na wo din nni asase nyinaa soɔ! Wo a wode w’animuonyam akata ɔsoro.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ao Awurade, yɛn Awurade, wo din kɛseyɛ ada adi ewiase afanan nyinaa. Wode wʼanimuonyam atimtim ɔsoro nohoa,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Ao! AWURADE, yɛn Awurade, nim bɛn na wo din nni, asase nyinaa so! Wo a wode w’anuonyam akata ɔsoro,

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 8:1
27 Referencias Cruzadas  

Na so ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na menne ɔdan yi a masi yi!


Mema wo so, me Nyankopɔn, ɔhene, na mehyira wo din daa daa.


Wonyi AWURADE din ayɛ, sɛ ne din nko na ɛso, n’anuonyam tra asase ne ɔsoro so.


AWURADE, w’adɔe kodu soro, na wo nokware kodu wim tɔnn.


Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro, ma w’anuonyam so asase nyinaa so.


Onyankopɔn, wone me Nyankopɔn, mehwehwɛ wo anɔpahema, wo ho sukɔm de me kra, me honam agurow pɛ wo hɔ biribi, asase kesee a nsu nni so ma ɛtɔ piti so.


Monto Nyankopɔn dwom, monto dwom mma ne din, monsesɛw ɔkwan mma nea ɔte ade so nam sare so reba, ne din de AWURADE, na munni n’anim ahurusi.


Ao! AWURADE, yɛn Awurade, nim bɛn na wo din nni, asase nyinaa so!


Mommɔ ose mma Onyankopɔn, yɛn ahoɔden, munhuro mma Yakob Nyankopɔn.


Wo tenabea hɔnom yɛ fɛ dɛn ara, asafo AWURADE.


Hena na ɔte sɛ wo, AWURADE, wɔ anyame mu? Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu onuonyamfo, nea ne ho yɛ hu ayeyi mu, anwonwadeyɛfo.


N’anom wɔ adɔkɔdɔkɔde, na ne ho nyinaa yɛ anisɔde ara nko. Me dɔfo ni, na m’adamfo ni, Yerusalem mmabea.


AWURADE, yɛn Nyankopɔn, awuranom a ɛnyɛ wo abedi yɛn so, nanso wo nko na yɛkamfo wo din.


Onyankopɔn fi Teman ba, na ɔkronkronni no fi Paran bepɔw so. Sela N’anuonyam kata ɔsoro, na n’ayeyi yɛ asase so ma.


Sɛ Dawid frɛ no owura a, na ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?


Toma bua see no sɛ: M’Awurade ne me Nyankopɔn!


Ampa ara nea osian no ara ne nea ɔforoe nso tenaa ɔsorosoro nyinaa so na wahyɛ nneɛma nyinaa ma no.)


Sɛ worenhwɛ nyɛ mmara yi mu nsɛm a wɔakyerɛw nhoma yi mu nyinaa, na worensuro din a ɛwɔ anuonyam na ɛho yɛ hu yi a ɛne AWURADE wo Nyankopɔn no a,


Nanso ampa ara meda so mibu nneɛma nyinaa adehwere, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro so no nti. Ne nti na mebuu nneɛma nyinaa adehwerede, na mibu no sɛ sumina so ade, na Kristo ayɛ me mfaso,


Na ɔsɔfo panyin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panyin yi a ne ho tew, onni bɔne, ne ho nni nkekae, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho, na wɔama no so akyɛn ɔsoro.


Na metee nne bi a ɛte sɛ nkurɔfokuw kɛse nne ne nsu bebree nne ne aprannaa a emu yɛ den nne sɛ: Haleluia, efisɛ Awurade yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo no, adi hene.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios