Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 7:8 - KYERƐW KRONKRON

8 AWURADE bebu aman atɛn; AWURADE di m'asɛm sɛnea me trenee ne bem a ɛwɔ me mu te.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 AWURADE bɛbu aman atɛn; AWURADE di m’asɛm sɛdeɛ me tenenee ne bem a ɛwɔ me mu teɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 ma Awurade mmu nnipa no atɛn. Bu me atɛn, Awurade sɛnea me trenee te, sɛnea me nokwaredi te, Ao, Ɔsorosoroni.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 AWURADE bɛbu aman atɛn; AWURADE di m’asɛm sɛdeɛ me tenenee ne bem a ɛwɔ me mu teɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 ma Awurade mmu nnipa no atɛn. Bu me atɛn, Ao Awurade sɛdeɛ me teneneeyɛ teɛ, sɛdeɛ me nokorɛdie teɛ, Ao Ɔsorosoroni.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 AWURADE bebu aman atɛn; AWURADE di m'asɛm sɛnea me trenee ne bem a ɛwɔ me mu te.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 7:8
23 Referencias Cruzadas  

Wɔ AWURADE anim, na ɔreba, na ɔreba abebu asase atɛn. Ɔrebebu wiase atɛn trenee mu, ne amanaman, ne nokware mu.


Onyankopɔn, bu me bem, fi ɔman a wonnye nni nsam. Gye me fi okontomponi ne omimfo nsam.


AWURADE anim, na ɔreba abebu asase atɛn, obebu wiase atɛn, trenee mu, ne amanaman, atɛntrenee mu.


Mo ne Nyankopɔn ne adansefo, sɛnea yɛyɛɛ yɛn ho kronkron ne trenee ne nnipa a wɔn ho nni asɛm maa mo agyidifo.


Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanse, sɛ yɛnam Onyankopɔn kronkronyɛ ne ahotew mu, na ɛnyɛ ɔhonam mu nyansa mu, na mmom Onyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra ewiase, ne titiriw no mo ntam.


Na ɔyɛn wɔn koma mudi so, na ɔde ne nsam nimdeɛ kyerɛɛ wɔn kwan.


AWURADE, bu me bem, na me pɛyɛ mu na mebɔɔ me bra, na mede me ho metoo AWURADE so, manwatiri.


Na me de, wuso me mu ma migyina hɔ, me mu a midi mu, na wode me gyina w’anim pintinn daa.


Na me de, pɛyɛ mu na mebɔ me bra: Gye me, na hu me mmɔbɔ.


Ma pɛyɛ ne teeyɛ nhwɛ me so, efisɛ m’ani da wo so.


AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron mu, AWURADE ahengua wɔ ɔsoro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛw kari wɔn hwɛ.


Ɔno na obebu wiase atɛntrenee mu, na wadi aman asɛntrenee mu.


Yɛn Nyankopɔn, so woremmu wɔn atɛn? Na yenni tumi a yɛde regyina dɔm bebree yi a wɔreba yɛn so yi anim. Na yɛn de, yennim nea yɛnyɛ, na wo so na yɛn ani da.


Abraham Nyankopɔn ne Nahor Nyankopɔn, wɔn agya Nyankopɔn mmu yɛn ntam atɛn. Na Yakob kaa n'agya Isak suro ho ntam.


Eyi mpare wo sɛ wubedi saa asɛm yi, sɛ wubekum ɔtreneeni ne ɔbɔnefo afra, na ɔtreneeni ayɛ sɛ ɔbɔnefo; eyi mpare wo. Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee anaa?


efisɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bebu wiase ntɛn trenee mu; ɔno na wama no asɔre afi awufo mu de adi adanse sɛ nnipa nyinaa nnye nni.


Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu ye sen nea ɔkyea n’anom nsɛm na ɔyɛ ɔkwasea.


Onyankopɔn gyina Onyankopɔn asafo mu, obu atɛn anyame ntam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios