Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 7:5 - KYERƐW KRONKRON

5 ma ɔtamfo ntaa me kra, na ɔnkyere me, na ontiatia me nkwa so wɔ ɛfam, na ɔmma m’anuonyam nyɛ fam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 ma ɔtamfoɔ ntaa me kra, na ɔnkyere me, na ɔntiatia me nkwa so ɛfam, na ɔmma m’animuonyam nyɛ fam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 ɛno de ma mʼatamfo ntaa me na wɔmmɛto me; ma wontiatia me so wɔ fam, na wɔmma me funu nna mfutuma mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 ma ɔtamfoɔ ntaa me kra, na ɔnkyere me, na ɔntiatia me nkwa so fam, na ɔmma m’animuonyam nyɛ fam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 ɛnneɛ ma mʼatamfoɔ ntaa me na wɔmmɛto me; ma wɔntiatia me so wɔ fam na wɔmma me funu nna mfuturo mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 ma ɔtamfo ntaa me kra, na ɔnkyere me, na ontiatia me nkwa so wɔ ɛfam, na ɔmma m’anuonyam nyɛ fam.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 7:5
17 Referencias Cruzadas  

na mubetiatia abɔnefo so, na wɔbɛyɛ nso mo nan ase, ɛda a mereyɛ eyi no so, asafo Awurade na ose.


Na wɔbɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wotiatia mmorɔn so dɔte so ɔko mu, na wobedi ako; efisɛ Awurade ne wɔn wɔ hɔ, na apɔnkɔsotefo anim begu ase.


Wufii adi sɛ worebegye wo man, worebegye nea wɔasra no no; wobobɔɔ ɔbɔnefo ti, womaa ne ho daa hɔ fi ne nan ase kosi n’atifi Sela


O, AWURADE, O Israel anidaso, wɔn a wogyaw wo nyinaa ani bewuwu; wɔn a wɔsan fi w’akyi no, asase mu na wɔbɛkyerɛw wɔn din, efisɛ wɔagyaw nkwa nsuti AWURADE no.


Nsa-kyi-amoa no, me nko na matiatia mu, na aman sofo mu biara nka me ho; na mitiatiaa wɔn so m’abufuw mu, na mewɔw wɔn m’abufuhyew mu, na wɔn mu nsu abɔ apete me ntade mu, na akeka m’adurade nyinaa mu.


Ɔman nkɔnkɔnsafo mu na mɛsoma no makɔ, na m’abufuw man no so na mɛhyɛ no sɛ ɔnkɔ nkɔfa asade na ɔnkɔfow, na ontiatia wɔn so sɛ mmorɔn so dɔte.


Yɛde Nyankopɔn na ɛbɛyɛ mmaninne, na ɔno na obetiatia yɛn ahohiafo so.


Nanso onipa a ɔwɔ nidi mu no, ɔrentena mu, ɔte sɛ mmoa a woyi wɔn hɔ.


Wo so na yɛnam sum yɛn ahohiafo gu, wo din mu na yetiatia wɔn a wɔsɔre hyɛ yɛn no so.


Nnipa bebree se me sɛ: Onni nkwagye Onyankopɔn mu. Sela


Mepam atweaatam mekataa me were so, na mede m’ahoɔden metoo mfutuma mu.


Nso, m’agya, ampa ara, hwɛ sɛ mikura wo batakari ano. Na sɛ matwa wo batakari ano na mankum wo yi, hu na hwɛ sɛ bɔne anaa mmarato bi nni me nsam; na menyɛɛ wo bɔne bi ɛ, nso wo de, worepɛ me akum me.


Na woakyerɛ me nnɛ sɛ wo ne me adi no yiye, sɛ AWURADE de me hyɛɛ wo nsa na woankum me.


Na afei, hwɛ, minim sɛ wubedi hene, na Israel ahenni betim, wo nsam;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios