Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 7:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Me kyɛm wɔ Onyankopɔn nsam, ɔno na ogye koma mu treneeni nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Me kyɛm wɔ Nyankopɔn nsam, ɔno na ɔgye akoma mu teneneeni nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Me nkatabo ne Ɔsorosoro Nyankopɔn nea ogye koma mu treneeni no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Me kyɛm wɔ Nyankopɔn nsam, ɔno na ɔgye akoma mu teneneeni nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Mʼakokyɛm ne Ɔsorosoro Onyankopɔn deɛ ɔgye akoma mu teneneeni no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Me kyɛm wɔ Onyankopɔn nsam, ɔno na ogye koma mu treneeni nkwa.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 7:10
15 Referencias Cruzadas  

Nea ɔnam pɛyɛ mu no benya nkwa, na nea ɔkyea akwan abien mu no bɛhwe ase biako mu.


AWURADE, ma ensi atreneefo no yiye, ne wɔn a wɔteɛ, wɔn koma mu no.


Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma ɔdom ne anuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.


AWURADE akyide ne koma kɔntɔnkyefo, na wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ sɔ n’ani.


Nsɛm yi akyi no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w'akatua bɛdɔɔso pii.


Na teefo na ɛbɛtena asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtena mu;


N’asefo bɛyɛ kɛse asase so, wohyira treneefo awo ntoatoaso.


Na AWURADE na yɛn kyɛm wɔ no, na Israel kronkronni no na yɛn hene wɔ no.


Na wo, AWURADE, wone me ho kyɛm, m’anuonyam ne me werɛkyekyefo.


sɛ wo ho tew na woteɛ a, ampa ara, ɔbɛkanyan ne ho ama wo, na wama wo trenee tenabea adi yiye.


Na wo, me ba Solomon, hu w’agya Onyankopɔn no, na fa wo koma mu ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE pɛepɛe koma nyinaa mu na ohu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no. Na sɛ wugyaw no a, ɔbɛtow wo akyene koraa.


wo ara tie ɔsoro, wo tenabea hɔ, na fa firi, na ma onipa no sɛ n’akwan nyinaa te, sɛ wuhu ne koma no. Na wo ara wo nko na wunim nnipa mma koma mu,


Asafo AWURADE a woyɛ ɔtemmufo trenee a wosɔ asaabo ne koma hwɛ, ma minhu w’aweredi wɔn so, na wo na mayi m’asɛm adi makyerɛ wo.


Me, AWURADE, na mehwehwɛ koma mu, mesɔ asaabo mehwɛ, na mɛma obiara sɛ n’akwan te, sɛ ne nsɛnnii aba no te.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios