Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 7:1 - KYERƐW KRONKRON

1 AWURADE, me Nyankopɔn, wo na miguan metoa wo. Gye me m’atiwfo nyinaa nsam, na yi me!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 AWURADE, me Nyankopɔn, wo na medwane bɛtoa wo. Gye me m’atifoɔ nyinaa nsam, na yi me!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade me Nyankopɔn, miguan toa wo; Gye me fi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 AWURADE, me Nyankopɔn, wo na medwane bɛtoa wo. Gye me m’atifoɔ nyinaa nsam, na yi me!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ao, Awurade me Onyankopɔn, medwane metoa wo; Gye me firi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 AWURADE, me Nyankopɔn, wo na miguan metoa wo. Gye me m’atiwfo nyinaa nsam, na yi me!

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 7:1
29 Referencias Cruzadas  

Wo nsam na me mmere wɔ, gye me m’atamfo ne m’ataafo nsam.


Odiyifo Habakuk mpaebɔ, wɔ Shigionot so.


Enti nso wɔn a wohu amane sɛnea Onyankopɔn pɛ no mfa wɔn kra nhyɛ ne nsa, sɛ Ɔbɔadeɛ nokwafo, wɔnkɔ so ara wɔ papayɛ mu.


Na mobeguanguan akɔ me mmepɔw bon mu, na mmepɔw bon no bedu Asal tɔnn, na mobeguan sɛnea moguanee asasewosow no anim, Yuda hene Usia bere so no. Na AWURADE me Nyankopɔn bɛba, na akronkronfo nyinaa bɛka ne ho.


Na mebɔɔ AWURADE me Nyankopɔn mpae na mepaee mu mekae sɛ: O AWURADE, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu a ɔkora apam ne adɔe so ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara so,


Ɔte na mate mmom, sɛ Efraim redi nkɔmmɔ sɛ: Woatwe m’aso, na m’aso asotwe mu, na mete sɛ nantwi ba a onnim hwee: Dan me bra, ma mensan mmra, na wo, AWURADE, ne me Nyankopɔn.


Na AWURADE gyina m’akyi sɛ dɔmmarima a ne ho yɛ hu ɛno nti m’atiwfo bɛhwehwe ase, na wɔrentumi. Wɔn ani bewuwu sɛ, efisɛ ansi wɔn yiye, ɛyɛ daa nsopa a werɛ remfi da.


Wo, AWURADE, wunim. Kae me na bɛhwɛ me, na tɔ me were ma me m’atiwfo so; wo bo a ɛkyɛ fuw no nti mfa me nkɔ; hu sɛ wo nti na mesoa ahohora.


Mo mu hena na osuro AWURADE, na otie n’akoa asɛm? Nea ɔnam sum mu na hann bi nhyerɛn mma no no, nanso ɔde ne ho to AWURADE din so, na ontweri ne Nyankopɔn.


Ɔno de, ɔbɛfrɛ me sɛ: Wone m’agya, me Nyankopɔn ne me nkwagye botan!


Na makɔ Onyankopɔn afɔremuka ho, na mede ahurusi ne anigye mmoroso akɔ Nyankopɔn nkyɛn, na mede sanku mada wo ase, Onyankopɔn, me Nyankopɔn.


Ɔbɔnefo yaw dɔɔso, na nea ɔde ne ho to AWURADE so no, wɔde adɔe bedi no barehyia.


na m’anuonyam ato wo dwom na annyae da. AWURADE, me Nyankopɔn, mɛda wo ase daa.


AWURADE, me Nyankopɔn, misu mefrɛɛ wo, na wosaa me yare.


AWURADE, bu me bem, na me pɛyɛ mu na mebɔɔ me bra, na mede me ho metoo AWURADE so, manwatiri.


Na wo na woma me kanea dɛw, AWURADE me Nyankopɔn, hyerɛn me sum mu.


AWURADE ne me botan ne m’abankɛse ne me gyefo, me Nyankopɔn ne me botantim a meguan kɔtoa no, me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’aban dennen.


Na me de, m’ani da w’adɔe so, me koma bedi wo nkwagye mu ahurusi,


Hwɛ na gye me so, AWURADE, me Nyankopɔn, tew m’ani, na manna owu nna,


AWURADE na miguan metoa no, adɛn na muse me kra sɛ: Guan sɛ anomaa kɔ mmepɔw so.


O AWURADE, sɔre ɛ! Me Nyankopɔn, gye me! Na woabobɔ m’atamfo nyinaa abogye, woabubu abɔnefo se.


Na me nuanom a wɔne me foro kɔɔ no maa ɔman no koma tui, na me de, me koma nyinaa midii AWURADE me Nyankopɔn akyi.


a monam no so gye Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu na ɔhyɛɛ no anuonyam no di no, na mo gyidi ne anidaso atena Onyankopɔn mu.


Me Nyankopɔn, wo so na mede me ho meto, mma m’ani nnwu, mma m’atamfo ho nnsɛpɛw wɔn, me nti.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios