Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 48:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Onyankopɔn ama wɔahu no, kurow yi aban mu, sɛ abankɛse.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Onyankopɔn ama wɔahu no kuro yi aban mu sɛ abankɛseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Onyankopɔn te nʼabankɛse mu wada ne ho adi sɛ ɔyɛ nʼabandennen.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Onyankopɔn ama wɔahu no kuro yi aban mu sɛ abankɛseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Onyankopɔn te nʼabankɛsewa mu. Wada ne ho adi sɛ ɔyɛ nʼaban.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Onyankopɔn ama wɔahu no, kurow yi aban mu, sɛ abankɛse.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 48:3
14 Referencias Cruzadas  

Nanso Dawid faa Sion aban no. Ɛne Dawid kurow no.


Na AWURADE hui sɛ wɔabrɛ wɔn ho ase no, AWURADE asɛm baa Semaia nkyɛn sɛ: Wɔabrɛ wɔn ho ase nti, merensɛe wɔn, na ɛyɛ kakra a, mɛma wɔafi mu, na m’abufuw amfa Sisak so anhwie angu Yerusalem so.


Wɔn a wɔde wɔn ho to AWURADE so no te sɛ Sion bepɔw, entwiw, na etim hɔ daa.


Womfi Sion nhyira AWURADE, mo a mote Yerusalem no, munyi AWURADE ayɛ.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛse. Sela


Sion, ahoɔfɛ a ewie pɛyɛ mu, na Onyankopɔn fi haran.


M’adamfowaa, wo ho yɛ fɛ sɛ Tirsa, woyɛ oyima sɛ Yerusalem, wo ho yɛ hu sɛ wɔn a wɔahyia ɔfrankaa ase.


Wɔn a wotwam ɔkwan so nyinaa bobɔ wɔn nsam gu wo so; wɔbɔ hwirema wosow wɔn ti gu Yerusalem babea so ka sɛ: So kurow a wɔfrɛ no Ahoɔfɛ a ewie fɛyɛ, asase nyinaa ahosan no ni?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios