Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 4:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Mommɔ trenee afɔre, na momfa mo ho ntweri AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Mommɔ tenenee afɔdeɛ, na momfa mo ho ntwere AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Mommɔ afɔre a ɛfata na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Mommɔ tenenee afɔdeɛ, na momfa mo ho ntwere AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Mommɔ afɔdeɛ a ɛfata na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Mommɔ trenee afɔre, na momfa mo ho ntweri AWURADE.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 4:5
19 Referencias Cruzadas  

Na Absalom soma kohyiaa Giloni Ahitofel, Dawid aguasenni, fii ne kurow Gilo mu, bere a ɔrebɔ afɔre no; na atirisopam no mu yɛɛ den na nnipa a wɔwɔ Absalom nkyɛn no kɔɔ so dɔɔso ara.


Momfa nidi mapa mma no, na ne bo amfuw, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuw adɛw. Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.


AWURADE, bu me bem, na me pɛyɛ mu na mebɔɔ me bra, na mede me ho metoo AWURADE so, manwatiri.


Bata AWURADE ho, na yɛ papa, tena asase so, na di nokware,


Fa aseda bɔ Onyankopɔn afɔre, na tua w’aboade ma nea ɔwɔ ɔsorosoro no,


Ɛno na wobɛpɛ trenee afɔre, ɔhyew afɔre ne afɔre mu, ɛno na wɔde anantwinini bɛkɔ w’afɔremuka so.


Nkurɔfo, momfa mo ho nto no so daa. Munyi mo yam nkyerɛ no, Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea. Sela


So AWURADE bɛtow akyene daa, na ɔrennom bi bio?


Mo mu hena na osuro AWURADE, na otie n’akoa asɛm? Nea ɔnam sum mu na hann bi nhyerɛn mma no no, nanso ɔde ne ho to AWURADE din so, na ontweri ne Nyankopɔn.


Na me, AWURADE, medɔ atemmu, mikyi atirimmɔden ne dwowtwa, na metua wɔn ka nokware mu, na me ne wɔn apam daa apam.


Na sɛ mode aboa onifuraefo bi ba bɛbɔ afɔre a, so ɛnyɛ bɔne? Na sɛ mode aboa apakye anaa aboa yarefo bi ba a, so ɛnyɛ bɔne anaa? Fa kɔma w’amrado! So n’ani bɛsɔ wo, anaasɛ ɔbɛhwɛ w’anim? Asafo Awurade na ose.


Enti sɛ wode w’ayɛyɛde ba afɔremuka ho, na ɛhɔ wokae sɛ wo nua wɔ asɛm bi tia wo a,


Wɔbɛfrɛ aman akɔ bepɔw no so, ɛhɔ na wɔbɛbɔ trenee afɔre; na wobefew po mu mmoroso ne nwea mu ademude a ahintaw


Enti nso wɔn a wohu amane sɛnea Onyankopɔn pɛ no mfa wɔn kra nhyɛ ne nsa, sɛ Ɔbɔadeɛ nokwafo, wɔnkɔ so ara wɔ papayɛ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios