Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 3:7 - KYERƐW KRONKRON

7 O AWURADE, sɔre ɛ! Me Nyankopɔn, gye me! Na woabobɔ m’atamfo nyinaa abogye, woabubu abɔnefo se.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 O AWURADE, sɔre ɛ! Me Nyankopɔn, gye me! Na woabobɔ m’atamfoɔ nyinaa abɔgye, woabubu abɔnefoɔ se.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Sɔre, Awurade! Gye me, me Nyankopɔn! Bobɔ mʼatamfo nyinaa abogye; na tutu amumɔyɛfo se.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 O AWURADE, sɔre ɛ! Me Nyankopɔn, gye me! Na woabobɔ m’atamfoɔ nyinaa abɔgye, woabubu abɔnefoɔ se.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Sɔre, Ao Awurade! Gye me, Ao me Onyankopɔn! Bobɔ mʼatamfoɔ nyinaa apantan; na tutu amumuyɛfoɔ se.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 O AWURADE, sɔre ɛ! Me Nyankopɔn, gye me! Na woabobɔ m’atamfo nyinaa abogye, woabubu abɔnefo se.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 3:7
17 Referencias Cruzadas  

Onyankopɔn, bubu wɔn se wɔn anom, AWURADE, tutu gyataforo sebɔmmɔfo.


na mibubuu omumɔyɛfo sebɔmmɔfo, na mihwim afow ade mifii ne se mu.


Wɔtɛɛtɛɛ wɔn anom hyɛ me, wɔde ahohorabɔ bobɔ m’asom, wɔn nyinaa boaboa wɔn ho ano hyɛ me.


Na wo, AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, nyan bɛhwɛ amanaman nyinaa, nhu amumɔyɛfo nkontompofo mmɔbɔ. Sela


Ao! AWURADE, sɔre ɛ! Ao, Onyankopɔn, ma wo nsa so. Mma wo werɛ mmfi amanehunufo.


Sɔre ɛ, sɔre ɛ, nya ahoɔden, AWURADE basa! Nyan sɛ kan nna no mu, teteete awo ntoatoaso mu. So ɛnyɛ wone nea otwitwaa Rahab na ohwirew asuboa kɛse no mu no?


AWURADE, sɔre w’abufuw mu, ma wo ho so tia m’ahohiahiafo anuɔden, na nyan ma me, wo a woahyɛ atemmu.


San bra, AWURADE, begye me kra, gye me nkwa, w’adɔe nti.


ma ɔmfa n’afono mma nea ɔbɔ no, ma ahohora mmee no.


bere a Onyankopɔn sɔre bebuu atɛn, sɛ obegye wɔn a wodwo, asase so nyinaa no. Sela


Adɛn nti na wotwe wo nsa, wo nsa nifa? Yi fi wo kokom na sɛe wɔn!


AWURADE, nyan ɛ, adɛn nti na woda? Sɔre ɛ, ntow yɛn nkyene koraa.


Nyan, na sɔre bebu me atɛn, me Nyankopɔn ne m’AWURADE, bedi m’asɛm!


Mmɔborohunufo so hyɛ ne ahiafo apinisi nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE se ni, megye nea ogu ahome repɛ nkwagye no nkwa.


Due, wo a woka kyerɛ dua sɛ: Nyan! Na woka kyerɛ ɔbo mum sɛ: Sɔre! So ebetumi akyerɛ biribi? Hwɛ, wɔde sika ne dwetɛ adura ho, na honhom biara nni mu.


Na ɛhɔ ko no trɛw asase no nyinaa ani na dɔm no mu wɔn a wowui kwae no mu dɔɔso sen wɔn a wowui nkrante ano da no.


Sɛ dɔm bɔ me ho nsra a, me koma rentu; sɛ wotu me so sa a, ɛno mu po na me ho tɔ me.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios