Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 26:8 - KYERƐW KRONKRON

8 AWURADE, medɔ wo fi tenabea ne faako a w’anuonyam wɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 AWURADE, medɔ wo fie tenabea ne faako a w’animuonyam teɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Mʼani gye ofi a wote mu ho, Awurade, faako a wʼanuonyam wɔ no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 AWURADE, medɔ wo fie tenabea ne faako a w’animuonyam teɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Mʼani gye efie a wote mu ho, Ao Awurade, baabi a wʼanimuonyam wɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 AWURADE, medɔ wo fi tenabea ne faako a w’anuonyam wɔ.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 26:8
22 Referencias Cruzadas  

Na osee wɔn sɛ: Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛsɛ me sɛ metena m’agya fi?


Na ɛbae sɛ ne nnansa so no, wokohuu no wɔ asɔrefi sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo ntam retie wɔn na obisabisa wɔn nsɛm.


Na Hesekia nso kae sɛ: Dɛn ne sɛnkyerɛnne sɛ mɛkɔ AWURADE fi?


AWURADE begye me nkwa, na yɛbɛbɔ sanku yɛn nkwa nna nyinaa, wɔ AWURADE fi.


AWURADE yɛn Nyankopɔn, fi nti mɛhwehwɛ papa mama wo.


Na wo fi dakorodi ye sen nna apem. Mepɛ me Nyankopɔn fi nammɔnnampan mu tena mmom sɛn sɛ mɛtena abɔnefo ntamadan mu.


Mekae eyinom, na mihwie me kra wɔ me mu, sɛnea me ne asafokuw nantew kɔɔ Onyankopɔn fi, na me ne nkurɔfo a wɔnam yuu hyɛ fa no de ayeyi ne aseda nnwom kɔe no.


na omununkum no nti asɔfo no antumi annyina ansom, efisɛ AWURADE anuonyam ahyɛ ɔdan no ma.


Nanso me Nyankopɔn fi ho anisɔ nti, me sika ne dwetɛ akorade a ɛwɔ me ho no, mede mama me Nyankopɔn fi no mapae nea masiesie masie kronkronbea fi no nyinaa so.


Na ɔhene ka kyerɛɛ Sadok sɛ: Fa Onyankopɔn adaka no san kɔ kurow no mu. Sɛ menya AWURADE anim anuonyam a, ɔde me bɛsan aba na wama mabehu no ne ne tenabea bio.


Na Solomon wiee mpaebɔ no, ogya fi soro bɛhyew ɔhyew afɔre ne okum afɔre no, na AWURADE anuonyam bɛyɛɛ asɔredan no ma.


Na asɔfo no antumi anhyɛn AWURADE dan no mu, efisɛ AWURADE anuonyam no ayɛ AWURADE dan no ma.


Ɛnna honhom no maa me so, na metee ɔwosow kɛse nne wɔ m’akyi sɛ: Nhyira ne AWURADE anuonyam! Fi nea ɔte hɔ;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios