Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 26:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Wɔn na mmusu hyɛ wɔn nsam, na kɛtɛasehyɛ ayɛ wɔn nifa ma.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Wɔn na mmusuo hyɛ wɔn nsam, na kɛtɛasehyɛdeɛ ayɛ wɔn nifa ma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 wɔn a amumɔyɛ nhyehyɛe wɔ wɔn nsam na adanmude ayɛ wɔn nsa nifa ma.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Wɔn na mmusuo hyɛ wɔn nsam, na kɛtɛasehyɛdeɛ ayɛ wɔn nifa ma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 wɔn a amumuyɛ nhyehyɛeɛ wɔ wɔn nsam na adanmudeɛ ayɛ wɔn nsa nifa ma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Wɔn na mmusu hyɛ wɔn nsam, na kɛtɛasehyɛ ayɛ wɔn nifa ma.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 26:10
17 Referencias Cruzadas  

Nnan atemmu ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adammude; na ademmude fura anyansafo aniwa, na ɛdan treneefo nsɛm ani butuw.


Okontomponi, wo tɛkrɛma dwen mmusubɔ ho te sɛ oyiwan a ano yɛ hwetahweta.


Na ne mma no de, wɔansɛ wɔn agya ɔkwan biara so, na wɔman kodii mfaso akyi, wogyigyee adammude, na wobubuu ntɛnkyew.


Nso nnye ayɛyɛde, na ayɛyɛde fura aniwa a ehu ade, na ɛkyea treneefo nsɛm.


Na ade kyee no, Yudafo no mu binom pam kekaa wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, nanso wɔrennom, gye sɛ wɔakum Paulo ansa.


Wɔn nsa nim bɔneyɛ yiye; ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufo pɛ kɛtɛasehyɛ, na onipa kɛse ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm, na wɔbom susuw bɔne.


Na minim sɛ mo mmarato dɔɔso na mo bɔne mu yɛ den; muhiahia ɔtreneeni ho na mugyigye mpata, na mokyea ahiafo asɛm kurow pon mu.


Nea ɔnam trenee mu na ɔka nea ɛteɛ, nea okyi apempensika, nea ɔtwe ne nsa na anso anadwode mu, nea osisiw n’aso na ante mogya ho asɛm, na omua n’aniwa na anhu bɔne,


Na wɔnna, gye sɛ wɔayɛ bɔne ansa, na wontumi nna, gye sɛ wɔahwe obi ase ansa;


Na wɔn nan tu mmirika kɔ bɔne mu, na wɔpɛ ntɛm hwie mogya gu.


Odwen amumɔyɛde ne kɛtɛ so, ɔde ne nan asi ɔkwan a enye so; bɔne de, onkyi.


Na hwɛ, abɔnefo kuntun wɔn tadua mu, wɔde wɔn mmɛmma asi hama so, sɛ wɔde bɛtow abɔ komam teefo, esum mu.


Woahu, efisɛ wo na wohwɛ ɔhaw ne awerɛhow, sɛ wode besie wo nsam. Wo nsa na ɔbrɛfo de ne ho hyɛ, ayisaa boafo ne wo ara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios