Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 23:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Ɔma meda adidibea a ɛhɔ nwura yɛ frɔmfrɔm, ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Ɔma meda adidibea a ɛhɔ wira yɛ frɔmfrɔm, ɔgya me kɔ nsuo a ɛho dwoɔ ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea; ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Ɔma meda adidibea a ɛhɔ wira yɛ frɔmfrɔm, ɔgya me kɔ nsuo a ɛho dwoɔ ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔma meda wira frɔmfrɔm adidibea mu; ɔgya me kɔ nsuo a ɛho dwoɔ ho,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Ɔma meda adidibea a ɛhɔ nwura yɛ frɔmfrɔm, ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 23:2
11 Referencias Cruzadas  

Na oguammaa a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛyɛ wɔn hwɛfo, na ɔde wɔn akɔ nkwa asuti ho, na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu.


Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsu asubɔnten a ani tew sɛ ahwehwɛ a efi Nyankopɔn ne Oguammaa no ahengua no mu,


Asu bi, n’abaa ma Onyankopɔn kurow ani gye, ɔsorosoroni tenabea kronkron no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfiase ne awiei no. Me na mede nkwa nsuti mu nsu mɛkyɛ obiara a osukɔm de no kwa.


Na honhom no ne ayeforo no se: Bra! Na nea otie no nka sɛ: Bra! Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.


Na ɔbɛma osu agu w’aba a woagu ɛfam ne asase nnɔbae aduan so, na ayɛ aduan pa sɔɔsɔɔ. Wo mmoakuw bedidi da no, adidibea a ɛtrɛw so;


Na sɛ ɔno na ɔma edwo a, hena na obebu fɔ? Na ɔde n’ani hintaw a, hena na ɔbɛhwɛ no? Ɔman mu so oo, obiakofo so oo, odi no pɛ,


Esiane sɛ ɔman yi bu Siloa nsu a ɛsen brɛoo animtiaa na wɔn ho san wɔn Resin ne Remalia ba no ho nti,


Na woduu Elim a nsubura dumien ne nkyeresia aduɔsɔn wɔ. Na wɔbɔɔ nsra wɔ nsu no ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios